Gyenesis 44
44
Yosef dwetɛ kuruwa no
1Na Yosef hyɛɛ ne fie panyin no sɛ: Fa aduan dodow a wobetumi asoa hyehyɛ nnipa no nkotoku mu amaama, na fa wɔn mu biara dwetɛ hyɛ ne kotoku mu, 2na fa me kuruwa, mekyerɛ dwetɛkuruwa no, hyɛ akumaa no kotoku mu ka n'aburow dwetɛ no ho. Na ɔyɛe sɛnea Yosef kae no. 3Ade kyee ara pɛ, na wogyaa mmarima no ne wɔn mfurum kwan. 4Wofii kurow no mu kɔe na wonnya nnuu akyirikyiri no, Yosef ka kyerɛɛ ne fie panyin no sɛ: Sɔre, tiw mmarima no, na sɛ woto wɔn a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ɛdɛn nti na mode bɔne tua papa ka? 5Ɛnyɛ nea me wura nom mu, na ɔde yɛ n'anyankomade anaa? Nea moayɛ yi, moayɛ bɔne. 6Na ɔkɔtoo wɔn no, ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7Na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛdɛn nti na me wura ka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ saa ade yi. 8#Gye 43.22 Hwɛ, dwetɛ a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no, yɛde asan afi Kanaan asase so abrɛ wo; na ɛbɛyɛ dɛn na yebewia wo wura fi dwetɛ anaa sika? 9Wo nkoa yi mu nea wubehu wɔ ne nkyɛn no, ma onwu, na yɛn nso yɛbɛyɛ me wura nkoa. 10Na ose: Ɛnyɛ sɛnea muse no: nea wobehu wɔ ne nkyɛn no nyɛ m'akoa, na mo de, mubedi bem. 11Ɛnna wɔn nyinaa yɛɛ ntɛm soɛsoɛɛ wɔn nkotoku no totoo fam, na wɔsansan ano. 12Na ɔhwehwɛɛ mu, ofii ase fi ɔpanyin de so de kosii akumaa de so; na wohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku mu. 13#Gye 37.29 Ɛnna wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔde wɔn nnosoa soasoaa wɔn mfurum san kɔɔ kurow no mu.
14Na Yuda ne ne nuanom baa Yosef fi, na ɔda so wɔ hɔ, na wɔkotowkotow n'anim. 15Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dɛn ade na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim nkɔmhyɛ anaa? 16#Gye 42.21-22; Kwa 1.14 Na Yuda se: Dɛn na yense me wura? Na dɛn na yɛnka? Na yenyi yɛn ano dɛn? Onyankopɔn ahu wo nkoa amumɔyɛ. Hwɛ, yɛyɛ me wura nkoa, yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no. 17Na ose: Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa. Na nea wohuu kuruwa no wɔ ne nsam no, ɔno ara na ɔbɛyɛ m'akoa, na mo de, munsim mfa asomdwoe nkɔ mo agya nkyɛn.
Yuda srɛ ma Benyamin
18Ɛnna Yuda twiw bɛn no kae sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma w'akoa nkasa me wura asom, na mma wo bo mmfuw w'akoa, na wote sɛ, Farao ara. 19#Gye 42.7, 13; 43.7 Me wura bisaa ne nkoa sɛ: Mowɔ agya anaa onua bi? 20Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ: Yɛwɔ agya akwakoraa ne ne nkwakoraa ba kumaa bi. Ne nua awu, na ne na ba a aka ara ne no, na n'agya dɔ no. 21Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ: Momfa no mmrɛ me, na memfa m'ani menhwɛ no. 22Na yesee me wura sɛ: Abofra no ntumi nnyaw n'agya, na sɛ ogyaw n'agya a, n'agya bewu. 23#Gye 42.15; 43.3-5 Na wusee wo nkoa sɛ: Sɛ mo nua kumaa no anka mo ho amma a, morenhu m'anim bio. 24Na yɛkɔɔ w'akoa, m'agya nkyɛn no, yɛkaa me wura nsɛm no kyerɛɛ no. 25Na yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmrɛ yɛn. 26Na yese: Yɛrentumi nsian nkɔ. Sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho a, yebesian akɔ. Yɛrentumi nkohu ɔbarima no anim, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. 27Ɛnna w'akoa, yɛn agya, ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Mo ara munim sɛ mma baanu na me yere wo maa me. 28#Gye 37.32-33 Na obiako fii me nkyɛn kɔe, na mise: Ampa ara ɔtetew na wɔatetew no mu, na efi hɔ no, minhuu no ɛ. 29#Gye 42.38 Na sɛ mofa oyi nso fi me nkyɛn na abew bi kɔbew no a, mode me ti dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. 30Na afei sɛ mekɔ w'akoa, m'agya, nkyɛn na abofra yi nka yɛn ho a, esiane sɛ ne koma da abofra so nti, 31ɛbɛba sɛ, sɛ ohu sɛ abofra yi nka yɛn ho a, obewu, na wo nkoa de w'akoa, yɛn agya, dwen nam awerɛhow mu na ɛbɛkɔ asaman. 32#Gye 43.9 Na w'akoa dii abofra yi ho agyinam wɔ m'agya anim sɛ: Sɛ mamfa no mammrɛ wo a, ɛnne na mayɛ m'agya bɔne daa nyinaa. 33Na afei mesrɛ wo, ma w'akoa ntena ha nsi abofra no ananmu nyɛ me wura akoa, na ma abofra no ne ne nuanom nkɔ. 34Na sɛ abofra no nka me ho a, mɛkɔ m'agya anim dɛn? Ɛnne na merekohu bɔne a ɛbɛto m'agya no.
Currently Selected:
Gyenesis 44: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.