Gyenesis 42
42
Yakob soma ne mma Misraim aduantɔ
1Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔka kyerɛɛ ne mmammarima no sɛ ɛdɛn na mohwehwɛ mo ho anim yi? 2Na ose: Monhwɛ, mate sɛ aduan wɔ Misraim. Munsian nkɔ hɔ nkɔtɔ bi wɔ hɔ mmrɛ yɛn, na yɛntena ase, na yɛanwu. 3Ɛnna Yosef nuanom mu du sian kɔɔ Misraim aduantɔ. 4Na Yosef nua Benyamin de, Yakob ansoma no anka ne nuanom no ho ankɔ, na ose: Ebia abew #42.4 ABEW: Ɛyɛ Twi asɛmfua bi a asekyerɛ ne amanehunu anaa ɔhaw. bi bɛbew no. 5Na Israel mma no de wɔn ho fraa wɔn a wɔbaa aduantɔ no mu, efisɛ ɔkɔm no aba Kanaan asase so bi. 6Na Yosef ne asase no so tumfo, ɔne nea ɔtɔn aduan ma asase no sofo nyinaa. Na Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam. 7Na Yosef ani bɔɔ ne nuanom no anim no, ohuu wɔn, nanso ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔnanani wɔ wɔn anim, na opoopoo n'ani kasa kyerɛɛ wɔn sɛ ɛhe na mufi bae? Na wose: Yefi Kanaan asase so na yɛbaa aduantɔ. 8Na Yosef huu ne nuanom no; na wɔn de, wɔanhu no. 9#Gye 37.5-9 Na Yosef kaee adae a ɔsosoe wɔn ho no; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moyɛ akwansrafo, asase yi ho akwan na morebɛhwehwɛ. 10Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, me wura, na aduantɔ na wo nkoa bae. 11Yɛn nyinaa yɛ ɔbarima biako mma, yɛyɛ anokwafo, wo nkoa nyɛ akwansrafo. 12Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Dabi, na asase yi ho akwan na moreba abɛhwehwɛ. 13Ɛnna wose: Wo nkoa yɛ anuanom dumien. Yɛyɛ ɔbarima biako mma wɔ Kanaan asase so, na hwɛ, ɔkaakyire no wɔ yɛn agya nkyɛn nnɛ, na obiako de, onni hɔ. 14Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte ara ne sɛ meka me kyerɛɛ mo sɛ Moyɛ akwansrafo. 15Eyi na mede mɛsɔ mo ahwɛ: Sɛ Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no ba ha ansa.
16Monsoma mo mu biako, na ɔnkɔfa mo nua no mmra, na mo de, wɔmfa mungu afiase, na wɔnhwehwɛ mo nsɛm no mu, sɛ nokware wɔ mu anaa; anyɛ saa de a, sɛ Farao te ase yi, moyɛ akwansrafo. 17Na ɔde wɔn koguu afiase nnansa.
18Na da a ɛto so abiɛsa no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ eyi, na montena ase, na me de, misuro Onyankopɔn. 19Sɛ moyɛ anokwafo a, momma wɔnkyere mo nuanom yi mu biako ntena mo nnedua fi ha, na mo de, ɔkɔm a ɛwɔ mo afi mu nti, momfa aduan no nkɔ. 20Na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mo nsɛm ayɛ nokware, na moanwu. Na wɔyɛɛ sa.
21 #
Nnw 50.21
Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, yedi yɛn nua no ho fɔ, sɛ yehuu ne ahohiahia, na ɔsrɛɛ yɛn mmɔborohunu, na yɛantie; enti na saa ɔhaw yi aba yɛn so. 22#Gye 37.21-22 Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abofra no bɔne bi, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi. 23Na wonnim sɛ, Yosef te, efisɛ ɔkyeame na odi wɔn ntam yi wɔn ano.
24Na ɔdan ne ho fii wɔn nkyɛn kosui. Na ɔsan baa wɔn nkyɛn bio ne wɔn bɛkasae, na oyii Simeon wɔ wɔn mu, na ɔkyekyeree no wɔn anim hɔ ara.
25Ɛnna Yosef hyɛɛ sɛ, wɔmfa aburow nhyehyɛ wɔn nkotoku no mama, na wɔnnan wɔn mu biara dwetɛ nhyɛ mu, na wɔmma wɔn akwansoduan. Na wɔyɛɛ wɔn sa. 26Na wɔde wɔn aburow no soasoaa wɔn mfurum, na wofii hɔ kɔe. 27Na wɔn mu biako buee ne kotoku ano sɛ ɔrema n'afurum aduan wɔ asoɛe no, ohui, na hwɛ, ne dwetɛ hyɛ ne kotoku ano. 28Na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Wɔadan me dwetɛ no ama me, na hwɛ, ɛhyɛ me kotoku no mu. Na wɔn koma tutui, na wɔde ahopopo sisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?
29Na wɔbaa wɔn agya Yakob nkyɛn Kanaan asase so, na wɔkaa nea ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: 30Ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no, poopoo n'ani kasa kyerɛɛ yɛn, na obuu yɛn asase no akwansrafo. 31Na yesee no sɛ: Yɛyɛ anokwafo, yɛnyɛ akwansrafo. 32Yɛyɛ yɛn agya mma anuanom dumien, obiako na onni hɔ, na akumaa no wɔ yɛn agya nkyɛn wɔ Kanaan asase so mprempren. 33Na ɔbarima a ɔyɛ asase no wura no ka kyerɛɛ yɛn sɛ: Eyi na mede mehu sɛ moyɛ anokwafo: Munnyaw mo nua biako wɔ me nkyɛn, na momfa aduan nkɔ nkɔhwɛ mo fifo, 34na momfa mo nua kumaa no mmrɛ me, na mahu sɛ monyɛ akwansrafo, na moyɛ anokwafo, na mayi mo nua no mama mo, na moadi asase yi so gua. 35Na ɛbae sɛ wɔreyiyi wɔn nkotoku mu ade no, na hwɛ, wɔn mu biara dwetɛboaa hyɛ ne kotoku mu. Na wɔne wɔn agya huu wɔn dwetɛmmoaa no, wosuroe.
36Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na eyi nyinaa ba! 37Na Ruben ka kyerɛɛ n'agya sɛ: Sɛ mamfa no mansan mammrɛ wo a, kum me mmammarima baanu. Fa no hyɛ me nsa, na mede no mɛsan mabrɛ wo. 38Na ose: Me ba ne mo renkɔ, efisɛ ne nua awu, na aka ne nko, na sɛ abew bi kɔbew no wɔ ɔkwan a morekɔ no mu a, ɛnne mode me dwen bɛkɔ asaman awerɛhow mu.
Currently Selected:
Gyenesis 42: ATWDB
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.