YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 38

38
Yuda ne Tamar
1Na ɛbae sɛ, bere no ara mu, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn. 2Na Yuda huu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua, babea bi wɔ hɔ, na ɔwaree no ne no dae. 3Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Er. 4Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Onan. 5Na onyinsɛnee bio woo babarima, na ɔtoo ne din Sela. Na ɔwoo no no, na ɔwɔ Kesib.
6Na Yuda waree yere bi a wɔfrɛ no Tamar maa n'abakan Er. 7Na Yuda abakan Er yɛɛ bɔne AWURADE anim, na AWURADE kum no.
8 # Deut 25.5 Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa no kunabea, na wo mma ma wo nua. 9Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, enti sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho nsu no gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua no. 10Na nea ɔyɛe no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti okum ɔno nso.
11Na afei Yuda ka kyerɛɛ n'ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w'agya fi kosi sɛ me ba Sela benyin. Efisɛ ose: anyɛ saa a, ɔno nso bewu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔe kɔtenaa n'agya fi.
12Na ɛkyɛe kyɛe no, Sua babea, Yuda yere no, wui. Na Yuda werɛ kyekyee no, ɔne n'adamfo Hira Adulamni no kɔɔ ne nguan ho twitwafo nkyɛn wɔ Timnat. 13Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, wo asew rekɔ Timnat akotwitwa ne nguan ho. 14Na oyii ne kuna atade fii ne ho, na ɔde nkataanim kataa n'anim, na ɔbobɔw ne ho, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, efisɛ wahu sɛ Sela anyin, na wɔamfa no amma no aware. 15Na Yuda huu no no, esiane sɛ wakata n'anim nti, obuu no sɛ oguamanfo. 16#Lew 18.15 Na ɔman kɔɔ ne nkyɛn ɔkwan no ho se: Ma me ne wo nkɔda ɛ, nso onnim sɛ n'ase a. Na ose: Dɛn na wobɛma me na wo ne me ada? 17Na ose: Mɛma wɔde aberekyi ba afi nguan mu abrɛ wo. Na ose: Ɛnne si me awowa kosi sɛ wode bɛba. 18Na ɔkae sɛ: Dɛn na memfa minsi wo awowa? Na ose: Wo nsɔanokaa ne wo hama ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔne no dae, na onyinsɛnee. 19Na ɔsɔree, na ɔkɔe, na oyii ne nkataanim fii ne ho, na ɔhyɛɛ ne kuna atade no. 20Na Yuda de aberekyi ba no maa n'adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkogye n'awowade no wɔ ɔbea no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no. 21Na obisaa kurom hɔfo sɛ: Oguamanfo a ɔte Enaim kwan ho no wɔ he? Na wose: Oguamanfo bi nni ha. 22Na ɔsan baa Yuda nkyɛn bɛkae sɛ: Manhu no, nanso kurom hɔfo se: Oguamanfo bi nni hɔ. 23Na Yuda se: Ma ɔmfa, na yɛn ani anwu. Hwɛ, mama wode aberekyi ba yi akɔma no, na woanhu no. 24Na ɛbɛyɛ asram abiɛsa akyi no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W'ase Tamar abɔ aguaman, nanso hwɛ, wanyinsɛn aguamammɔ no mu. Na Yuda se: Monkɔfa no mmra na wɔnhyew no. 25Na wɔkɔfaa no bae no, ɔsoma kɔka kyerɛɛ ne sew no sɛ ɔbarima a ne nneɛma ni no, ne ho na manyinsɛn. Na ose: Hwehwɛ mu ɛ, na hwɛ, hena nsɔanokaa ne hama ne poma ni? 26Na Yuda hui no, ɔkae sɛ ɔteɛ sen me, efisɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.
27Na eduu n'awo so no, hwɛ, na nta na ɛwɔ ne yam. 28Na ɔrewo no, obiako yii ne nsa, na awogyefo no soo ne nsa no mu de asaawa kɔkɔɔ kyekyeree kae sɛ: Oyi na ofii adi kan. 29#Mat 1.3 Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, na hwɛ, ne nua no fii adi, na ɔkae sɛ ɛdɛn na wotew mu? Wo so na ntewmu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres. 30Na akyiri no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa so no bae, na wɔtoo no din Sera, ase ne Kɔkɔɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 38: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in