YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 33

33
Yakob ne Esau nkabom
1 # Gye 32.6 Na Yakob maa n'ani so hui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no. 2Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyiri. 3Na ɔno ankasa de, ɔsen dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mpɛn ason de kosii sɛ oduu ne nua no nkyɛn. 4Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n'ano, na wosui. 5#Nnw 127.3 Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa. 6Na mmaawa no twiw bɛnee, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase. 7Na Lea nso ne ne mma twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase, na akyiri no Yosef ne Rahel twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase. 8#Gye 32.13-20 Na ɔkae sɛ: Na ɛdɔm a mihyiaa wɔn yi ase ne dɛn? Na ose: Sɛ ɛbɛyɛ na menya me wura anim dom. 9Na Esau kae sɛ: Nea mewɔ dɔɔso, me nua, ma wo de ntena hɔ mma wo. 10#2 Sa 14.17 Na Yakob kaa se: Dabida, mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, gye m'ayɛyɛde a ɛwɔ me nsam yi, na w'anim a mahu yi te sɛ obi hu Nyankopɔn anim, efisɛ w'ani asɔ me. 11#1 Sa 25.27; 30.26 Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ wo yi, efisɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ogyei. 12Na ɔkae sɛ: Ma yensim nkɔ, na minni w'anim. 13Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛw ne nguan ne anantwi a wɔma nufu ka me ho, na sɛ wopia wɔn dodo da koro a, nguankuw no nyinaa bewuwu. 14Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir. 15Na Esau kae sɛ: Ma minnyaw wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ose: Na wɔnyɛ dɛn? Ma minnya me wura anim dom. 16Ɛnna Esau san da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.
17Na Yakob siim kɔɔ Sukot, na osii dan wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa; enti wɔfrɛ hɔ Sukot, ase ne: Asese.
18Na Yakob fii Mesopotamia no, ɔnam beduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu dwoodwoo, na osisii ne ntamadan wɔ kurow no anim. 19#Yos 24.32; Yoh 4.5 Na ɔtɔɔ asase a osii ne ntamadan wɔ so no wɔ Sekem n'agya Hamor mma nkyɛn, nnwetɛbona ɔha. 20#Gye 12.7-8 Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-Elohe-Israel, ase ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.

Currently Selected:

Gyenesis 33: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in