YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 12

12
Onyankopɔn frɛ Abram
1 # Aso 7.3; Heb 11.8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. 2#Gye 24.1, 35; Nnw 72.17 Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira. 3#Eks 23.22; Gye 18.18; 22.18; 26.4; 28.14; Aso 3.25; Gal 3.8 Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.
4Na Abram kɔe sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔsɔn anum. 5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so.
6Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so. 7#Gye 13.15; 15.18; 17.8; 24.7; 26.3-4; 28.13; 35.12; Eks 6.4, 8; 32.13; Yos 21.43; Aso 7.5 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8#Gye 4.26 Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE. 9Na Abram dii atutena ara kɔɔ negeb.
Abram kɔ Misraim
10 # Gye 20; 26.1-11 Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so.
11Na ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ, 12na ɛbɛba sɛ Misraimfo hu wo a, wɔbɛka sɛ ne yere ni, na wɔakum me, na wɔama woatena ase. 13#Gye 1.28 Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yiye, na matena ase.
14Na Abram duu Misraim no, Misraimfo huu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. 15Na Farao atitiriw huu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbea no kɔɔ Farao fi. 16Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma. 17#Nnw 105.14 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi. 18Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? 19Adɛn nti na wuse: ɔyɛ me nua? Na afei, hwɛ, wo yere ni, fa no na kɔ wo kwan. 20Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wonkogya no ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa kwan.

Currently Selected:

Gyenesis 12: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in