YouVersion Logo
Search Icon

Efesofo 4

4
Asafo no biakoyɛ
1 # Kol 1.10 Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo, 2#Kol 3.12 ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu, 3mommɔ mmɔden mfa asomdwoe hama nkura honhom biakoyɛ mu. 4#Rom 12.5 Efisɛ nipadua biako ne honhom biako na ɛwɔ hɔ, sɛnea wɔafrɛ mo nso, mo frɛ anidaso biako mu: 5#1 Ko 8.6 Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako, 6#1 Ko 12.6 yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako a odi yɛn nyinaa so na ɔfa yɛn nyinaa mu na ɔte yɛn nyinaa mu no.
Adom akyɛde
7 # Rom 12.3; 12.6; 1 Ko 12.11 Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmiako mmiako, sɛnea Kristo asusuw n’akyɛde ama no. 8#Nnw 68.18; Kol 2.15 Enti ose:
Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe,
na ɔde akyɛde maa nnipa.
9 # Yoh 3.13 (Na sɛ ose: Ɔforo kɔɔ soro a, ɛnne na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ara ne sɛ osian kɔɔ asase ase hɔnom ana? 10Ampa ara nea osian no ara ne nea ɔforoe nso tenaa ɔsorosoro nyinaa so na wahyɛ nneɛma nyinaa ma no.)
11 # 1 Ko 12.28; Aso 21.8 Na ɔno na wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, 12#1 Pe 2.5 na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so, 13akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne nhumu biakoyɛ mu, ayɛ onipa a wawie nyin a yɛadu Kristo mayɛ susude no tebea so, 14#1 Ko 14.20; Heb 13.9 na yɛanna so anyɛ mmotafowa a nkyerɛkyerɛ mframa biara wosow wɔn biribiri twe wɔn di akɔneaba nnipa bradato mu, anifere a ɛnam nnaadaa nnɛɛdɛɛ mu; 15#Efe 1.22; 5.23; Kol 1.18 na mmom momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nnyin nneɛma nyinaa mu, Kristo a ɔne eti no mu. 16#Kol 2.19 Ne mu na nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atoatoam asisi so pɛpɛɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.
Ɛsɛ sɛ wogu amanaman nneyɛe bɔne no
17 # Rom 1.21 Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. 18#Efe 2.12 Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo. 19Esiane sɛ wɔn ani nwu ade bio nti, wɔde wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.
Ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ Kristo su
20Na mo de, moansua Kristo saa, 21sɛ ampa sɛ moate ne ho asɛm, na wɔakyerɛkyerɛ mo ne mu, sɛnea Yesu mu nokware te no. 22#Rom 8.13; Kol 3.9; Gal 6.8 Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, 23#Rom 12.2 na momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, 24#Gye 1.26 na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokware trenee ne ahotew mu.
Kristofo abrabɔ pa ho mmɔdemmɔ
25 # Sak 8.16 Enti munyi atoro nkyene, na obiara nni ne yɔnko nokware, efisɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa. 26#Nnw 4.4; Yak 1.19-20 Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so, 27na mommma ɔbonsam kwan! 28#1 Te 4.11 Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia. 29#Efe 5.4; Kol 3.16-17; 4.6 Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde adom wɔn a wɔte no. 30#Yes 63.10; Efe 1.13-14 Na monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔw mo ano ama ogye da no werɛ. 31#Kol 3.8 Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. 32#Mat 6.14; 18.22-35; Kol 3.13 Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.

Currently Selected:

Efesofo 4: ATWDB

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in