YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 48

48
Dwom 48
Kora mma dwom.
1 Awurade yɛ kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo
wɔ yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.
2Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ,
ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ.
Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea,
Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.
3Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu.
Wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼaban.
4Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,
na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no,
5wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie,
na wɔde ehu dwaneeɛ.
6Nketenkete kyeree wɔn wɔ hɔ,
ɔyea a ɛte sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
7Wosɛee wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a
apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn.
8Sɛdeɛ yɛate no,
saa ara na yɛahunu
wɔ Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu,
yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu;
Onyankopɔn ma ɛtim hɔ afebɔɔ.
9Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn,
na yɛdwene wo dɔ a ɛnsa da no ho,
10Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano
te sɛ wo din;
tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
11Sion bepɔ di ahurisie,
Yuda nkuraase no ani gye
ɛsiane wʼatemmuo no enti.
12Nante Sion na twa ho hyia,
kan nʼabantenten dodoɔ,
13dwene nʼafasuo ho yie,
hwɛ nʼabankɛsewa no,
na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
14Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Onyankopɔn daa daa;
mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Currently Selected:

Nnwom 48: ASNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in