Daniel 9
9
Daniel di ma ne nkurɔfoɔ
1 #
Dan 5.31
Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan 2#Yer 25.11-12 a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia hɔ sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho.
3Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ. 4Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ:
O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ, 5yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ. 6Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.
7Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so. 8#Yes 43.27 AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti; 9#Dwom 130.4 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua, 10na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu.
11 #
Deut 28.15-68; Lew 26.14-39 Na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo nne; na nnuabɔ ne ntam a wɔatwerɛ no Nyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti. 12Na wahyɛ n’asɛm a ɔka tiaa yɛn ne yɛn atemmufoɔ a wɔbuu yɛn atɛn no den, sɛ ɔde bɔne kɛseɛ a ebi mmaa wiase nyinaa pɛn sɛdeɛ ɛbaa Yerusalem no baa yɛn soɔ; 13sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu no, saa bɔne yi nyinaa aba yɛn so; nanso yɛanhwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ yɛbɛsane afiri yɛn amumuyɛ ho, na yɛatie wo nokorɛ. 14#Yer 1.12 Yei na AWURADE atwɛn na berɛ a ɛsɛ mu no, ɔde atoyerɛnkyɛm aba yɛn soɔ; na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ tenenee, ne nneyɛɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa mu, na yɛantie ne nne.
15Na afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man firii Misraim asase soɔ de agye din sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne. 16Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa. 17Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti. 18#Dwom 115.1 Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’ani na hwɛ yɛn amamfo ne kuro a wɔabɔ wo din wɔ soɔ no, na ɛnyɛ yɛn tenenee so na yɛde yɛn nkotosrɛ reba w’anim yi, na mmom wo mmɔborɔhunu bebree ntira, 19#Yer 14.9 Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.
Gabriel kyerɛ nkɔmhyɛ no ase
20Na meda so merekasa na merebɔ mpaeɛ na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotosrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔ kronkron, 21#Dan 8.16 na meda so merekasa me mpaebɔ mu no, Ɔbɔfoɔ Gabriel a mehunuu no anisoadehunu mu akane no tuu ntɛmntɛm bɛkaa me, anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. 22Na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔne me kasaa sɛ: Daniel, afei na mafiri aba sɛ merebɛma woanya nhunumu. 23Wo nkotosrɛ mfitiaseɛ mu no, asɛm firi bae, na maba rebɛka akyerɛ wo, ɛfiri sɛ wɔdɔ wo sɛ; enti te asɛm no ase, na hunu adehunu no mu.
24Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron. 25Enti hunu sɛ: Ɛfiri asɛm a ɛka sɛ wɔnsane nkyekyere Yerusalem nsi n’ananmu no soɔ de kɔsi ɔberempɔn a wɔasra no soɔ yɛ mfeɛ nson, na mfeɛ nson ahodoɔ aduosia mmienu, wɔbɛsane akyekyere, mmorɔno ne afasuo, nanso ahohiahia berɛ mu na ɛbɛyɛ. 26#Luka 21.24 Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no. 27#Dan 12.11; Mat 24.15 Na ɔne bebree bɛyɛ apam a emu yɛ den mfeɛ nson; na ɛberɛ no mfimfini ɔbɛma afɔrebɔ ne ayɛyɛadema agyae, na amamfoyɛ akyiwadeɛ no atifi na ɔsɛefoɔ bɛfiri bɛba, na ɛbɛkɔ so akɔsi sɛ ɔsɛeɛ pasaa a wɔahyɛ no pintinn bɛhwie agu amamfoyɛfoɔ no soɔ.
Currently Selected:
Daniel 9: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012