2 Korintofoɔ 2
2
Deɛ enti a Paulo mmaa Korinto
1 #
1 Ko 4.21; 2 Ko 12.21 Na meyɛɛ m’adwene sɛ meremfa awerɛhoɔ memma mo nkyɛn bio. 2Na sɛ meho mo werɛ a, na hwan na ɔma me bo tɔ me yam sɛ deɛ mehoo ne werɛ no ara? 3#1 Ko 5 Na metwerɛɛ ade korɔ yi ara, na sɛ menya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anho me werɛ; ɛfiri sɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛmu sɛ m’anigyeɛ yɛ mo nyinaa dea. 4Na mefiri akoma mu ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo bebree na metwerɛɛ mo, ɛnyɛ sɛdeɛ mo werɛ bɛhoɔ, na mmom sɛdeɛ mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo.
Wɔtumi gye ɔdebɔneyɛni a ɔnu ne ho
5 #
1 Ko 5.1
Na sɛ obi ayi awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhoɔ, na ɔkwan bi so no — meka yei na me kasa no mu anyɛ den dodo — ɛyi mo nyinaa awerɛhoɔ. 6Ka a mo mu bebree aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no, 7enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no. 8Enti metu mo fo sɛ monyi ɔdɔ adi nkyerɛ no. 9#2 Ko 7.15 Na yei nti nso na metwerɛeɛ, sɛ mɛhunu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahunu sɛ mo aso yɛ mmerɛ wɔ adeɛ nyinaa mu anaa? 10#Luka 10.16 Na deɛ mode biribi kyɛ no no, me nso mede kyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, deɛ mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ Kristo anim; 11#Luka 22.31 na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.
Adwumaden ne ne nkɔsoɔ
12 #
Aso 14.27; 1 Ko 16.9 Nanso mebaa Troa bɛkaa Kristo asɛmpa, na wɔbuee ɛpono maa me Awurade mu no, 13#Aso 21.1 mannya honhom mu ahomeka, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito; enti mekraa wɔn mefirii hɔ mekɔɔ Makedonia. 14Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yɛdi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ ho hwa adi mmaa nyinaa; 15#1 Ko 1.18 ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo aduhwam ma Onyankopɔn, de ma wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa. 16#Luka 2.34; 2 Ko 3.5-6 Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom? 17#2 Ko 1.12 Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Nyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a wɔyi wɔn yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu wɔ Nyankopɔn anim.
Currently Selected:
2 Korintofoɔ 2: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012