YouVersion Logo
Search Icon

1 Korintofoɔ NHYƐNMU

NHYƐNMU
Paulo krataa a ɛdi kan a ɔde kɔmaa Korintofoɔ no hwɛ ɔhaw a ɛwɔ Akristofoɔ asetena ne wɔn gyidie mu a ɛsɔree wɔ asafo a ɔno ara ankasa kɔbuee wɔ Korinto no. Ɛberɛ no mu na Korinto yɛ Helafoɔ kuropɔn a ɛwɔ Roma mantam Akaia mu. Deɛ ɛda nso wɔ kuro yi ho ne adwadie, amammerɛ a wɔde hoahoa wɔn ho, adwamammɔ ne ɛsom ahodoɔ.
Ɔsomafoɔ no haw kɛseɛ pa ara ne mpaepaemu ne adwamammɔ a na ɛwɔ asafo no mu, ne nsɛmmisa a ɛfa ɔbarima ne ɔbaa nna mu ne awareɛ ho, nsɛm a ɛfa tiboa, asafo no mu nhyehyɛɛ, Honhom fam nsɛm ne owusɔreɛ no. Ɔnam nhunumu kɛseɛ so kyerɛkyerɛ sɛdeɛ Asɛmpa no yi saa nsɛmmisa yi ano.
Ti 13 yi ɔdɔ adi sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ pa a ɔde ama nnipa. Ɛrekame ayɛ sɛ, ɛno ne asɛm a yɛnim no kɛseɛ pa ara wɔ nwoma yi mu.
EMU NSƐM
Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-9
Mpaepaemu a ɛwɔ asafo no mu 1.10—4.21
Afisɛm ne adwamammɔ 5.1—7.40
Akristofoɔ ne abosonsomfoɔ 8.1—11.1
Asafo mu abrabɔ ne ɔsom 11.2—14.40
Kristo ne agyidifoɔ wusɔreɛ no 15.1-58
Ntoboa a wɔyii maa Yudea Kristofoɔ 16.1-4
Ɔno ankasa nkyea ne awieeɛ 16.5-24

Currently Selected:

1 Korintofoɔ NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in