YouVersion Logo
Search Icon

Rut Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Atemmufo bere so a na akokoakoko ne basabasayɛ bebree wɔ Israelman mu na yɛtee Rut ho abakɔsɛm yi. Rut a na ɔyɛ Moabni no waree Israelni. Akyiri no, ɔbarima no wui. Ɔdɔ nti, Rut de ne ho bataa nʼasebea Naomi ne no san kɔɔ Betlehem. Ɔde nʼasebea Nyankopɔn yɛɛ ne Nyankopɔn, dɔɔ no nso. Rut benyaa ɔbarima bi a ɔyɛ ne kunu a waka baabi no busuani Boas waree no. Rut nam saa aware yi so bɛyɛɛ Dawid nenabea ne Agyenkwa no bogya kronkron.
Atemmufo no ho abakɔsɛm kyerɛ sɛ, sɛ ɔmanfo no yɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, ɔhaw ba wɔn so. Rut nhoma no nso ma yehu nhyira a Amanamanmuni mpo a ɔde ne ho too Israel Nyankopɔn so nyae, na ɔbɛfraa ne nkurɔfo nokwafo mu.
Emu Nsɛm
Rut di Naomi nokware (1.1-22)
Rut boaboa Boas afuw mu nnɔbae ano (2.1-23)
Rut di Naomi nhyehyɛe so (3.1-18)
Boas ware Rut (4.1-22)

Currently Selected:

Rut Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in