YouVersion Logo
Search Icon

Mmebusɛm 29

29
1Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no
wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.
2Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi;
sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.
3Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye,
nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.
4Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe,
nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.
5Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no
sum ne nan afiri.
6Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri,
nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.
7Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo,
nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.
8Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu,
nanso anyansafo sianka abufuw.
9Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a,
ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.
10Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo,
na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.
11Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,
nanso onyansafo hyɛ ne ho so.
12Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a,
nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.
13Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi:
Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.
14Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a,
nʼahengua betim hɔ daa.
15Nteɛso abaa ma nyansa,
na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.
16Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so,
na atreneefo behu wɔn asehwe.
17Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe;
ɔbɛma wo kra ani agye.
18Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa;
na nhyira nka nea odi mmara so.
19Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo;
ɔte ase de, nanso ɔremfa.
20Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana?
Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.
21Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a,
awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.
22Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba,
na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.
23Onipa ahomaso brɛ no ase,
nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.
24Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho.
Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.
25Onipa ho suro betumi ayɛ afiri,
na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
26Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa,
nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.
27Atreneefo kyi atorofo;
na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.

Currently Selected:

Mmebusɛm 29: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in