YouVersion Logo
Search Icon

Malaki Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Odiyifo Malaki yɛɛ adwuma wɔ Yerusalem bere a na wɔasi asɔredan no awie. Malaki Nhoma no yɛ animka ma Israelman wɔ wɔn bɔne bebrebe ho. Ɛka asɔfo ne ɔman mu no nyinaa bɔne a wɔyɛ ho asɛm: ebi ne sɛ wotwiri Onyankopɔn, wɔbɔ afɔre a ɛho ntew, wobu Onyankopɔn mmara so, wɔmmfa aboade mmrɛ Onyankopɔn, wɔyɛ asoɔden ne ahantan na wɔma afoforo nso yɛ bɔne.
Nhoma no tu ɔman no fo se wonnyae anihaw, ne bɔne a aba wɔn mu no, na wɔnyɛ wɔn gyidi ne Awurade apam no yiye.
Nhoma yi ka anidaso a ɛnam Odiyifo Elia so bɛba wɔn a wonu wɔn ho na wogye di nso so no ho asɛm.
Emu Nsɛm
Asɔfo abɔnefo (1.1–2.9)
Nnipabɔnefo (2.10–3.15)
Nokwafo kakraa no (3.16–4.6)

Currently Selected:

Malaki Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in