Yesaia 9
9
Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn
1Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
2Nnipa a wɔnam sum mu
ahu Hann kɛse;
wɔn a wɔte asase a so sum kabii no,
hann bi apue wɔn so.
3Woatrɛw ɔman no mu
woama wɔn ani agye mmoroso
wodi ahurusi wɔ wʼanim
sɛnea nnipa di ahurusi otwabere,
sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn
wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
4Te sɛ da a Midian dii nkogu no,
woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no,
abaa a ɛda wɔn mmati,
wɔn nhyɛsofo pema.
5Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa
ne atade biara a mogya akeka mu,
wobegyaw agu hɔ na wɔahyew;
ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
6Na wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabarima,
na amammui no bɛda ne mmati so.
Na wɔbɛfrɛ no
Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,
Daa Agya, Asomdwoe Wura.
7Nʼamammui no nkɔso ne Nʼasomdwoe
bɛtena hɔ daa.
Ɔbɛtena Dawid ahengua so
abu Nʼahenni,
Ɔde atɛntrenee ne treneeyɛ
befi ase na wama atim
afi saa bere no akosi daa apem.
Asafo Awurade mmɔdemmɔ
bɛyɛ eyi.
Awurade Abufuw A Etia Israel
8Awurade ama Yakob nkra a etia no,
na ɛbɛka Israel.
9Nnipa no nyinaa behu,
Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria
a wɔde ahohoahoa
ne ahomaso koma kasa no,
10“Ntayaa no abubu agu fam
nanso yɛde abo a wɔatwa bɛto bio.
Wɔabubu borɔdɔma nnua no
nanso yɛde sida besi anan mu.”
11Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfo den atia wɔn,
na ɔhyɛ wɔn atamfo no nkuran.
12Aramfo a wofi apuei fam,
Filistifo a wofi atɔe fam,
abue wɔn anom amene Israel.
Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
13Nanso nnipa no nsan nkɔɔ nea ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,
na wɔnhwehwɛɛ Asafo Awurade no akyi kwan nso.
14Enti Awurade betwa eti ne dua afi Israel ho
na berɛw ne demmire nso, ɔde da koro pɛ;
15mpanyimfo ne akunini no ne eti no,
na atoro adiyifo no ne dua no.
16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no, nkyerɛ wɔn ɔkwan pa,
na wɔn a wonya akwankyerɛ no nso, fom kwan.
17Enti Awurade ani rennye mmerante no ho,
na ɔrenhu ayisaa ne akunafo mmɔbɔ
efisɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumɔyɛfo,
ano biara ka ahuhusɛm.
Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
18Nokware, atirimɔden hye te sɛ ogya;
ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe,
ɛde ogya to kwaeberentuw mu hyew no,
na ɛnam wusiw kumɔnn mu foro kɔ soro.
19Ɛnam Asafo Awurade abufuw so,
asase no bɛkyen
na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;
na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.
20Nifa so, wɔbɛfom aduan adi,
nanso ɔkɔm bɛde wɔn;
benkum so wobedidi,
nanso wɔremmee.
Obiara bɛwe ne ba nam.
21Manase bɛdan Efraim na Efraim adan Manase
na wɔbɛbɔ mu atia Yuda.
Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
Currently Selected:
Yesaia 9: AKNA
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.