Hosea Nhyɛnmu
Nhyɛnmu
Din “Hosea” nkyerɛase ne “nkwagye.” Onyankopɔn maa odiyifo Hosea ɔyere a wɔfrɛ no Gomer a wanni no nokware. Ɔne mmarima afoforo mpo wowoe, nanso Hosea kɔfaa ne yere yi ne no bɛtenae.
Nhoma yi yɛ Hosea osuahu a wɔnam so kasa kyerɛ Israel se wonnyae aguamammɔ a ɛyɛ ahonisom ne abosonsom a wɔnam so abu wɔne Onyankopɔn ntam apam no so no. Ehia sɛ wɔbɛsakra wɔn adwene na wɔasan akɔ Onyankopɔn nkyɛn.
Hosea Nhoma yi kyerɛ yɛn Onyankopɔn ayamye sononko no ne asetena pa ho bɔhyɛ a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotie atemmu ho kɔkɔbɔ na wɔsan kɔ Onyankopɔn nkyɛn no.
Emu Nsɛm
Hosea Yere Ɔkobɔfo No (1.1–3.5)
Onyankopɔn Nkurɔfo Akobɔfo No (4.1–14.9)
1. Israel bɔne (4.1–6.3)
2. Israel asotwe (6.4–10.15)
3. Onyankopɔn dɔ a ɔdɔ Israel (11.1–14.9)
Currently Selected:
Hosea Nhyɛnmu: AKNA
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.