YouVersion Logo
Search Icon

2 Mose Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Din Ɛksodɔs no nkyerɛase ne otukɔ a ɛyɛ Israelfo abakɔsɛm mu asɛm titiriw. Ɛkyerɛ sɛnea Israelfo tu fii Misraim asase so. Ɛhɔ na wɔyɛɛ nkoa bɛyɛ mfirihyia ahannan. Onipa titiriw a wɔka ne ho asɛm wɔ saa Nhoma yi mu ne Mose ne sɛnea odii Israelfo anim fii Misraim asase so no.
Wɔakyekyɛ Ɛksodɔs mu anan: Ɔfa a edi kan no ka sɛnea woyii Israelfo fii nkoasom mu. Ɔfa a ɛto so abien ka ɔman no akwantu a wɔde kɔɔ Bepɔw Sinai so. Ɔfa a ɛto so abiɛsa nso ka Onyankopɔn ne Israelfo apam a wɔyɛɛ wɔ Bepɔw Sinai so ho asɛm. Ɔfa a ɛto so anan no ka sɛnea wosii hyiadan, siesiee mu, na wɔyɛɛ mmara a wɔnam so som Onyankopɔn no.
Ɛksodɔs fa bi a ɛyɛ titiriw nso ne Mmara Nsɛm Du a yehu wɔ Ti aduonu no.
Emu Nsɛm
Israel Wɔ Misraim (1.1–12.36)
Israel Wɔ Sare So (15.1–18.27)
Israel Wɔ Sinai (19.1–40.38)

Currently Selected:

2 Mose Nhyɛnmu: AKNA

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in