Mateo 9
9
Obubuani bi ayaresa
(Marko 2.1-12; Luka 5.17-26)
1 #
Mat 4.13
Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom. 2Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. 3#Mar 2.7 Na hwɛ, Atwerɛfoɔ no mu binom kaa wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. 4#Mat 12.25; Yoh 2.25 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu? 5Na deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre, na nante? 6Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase soɔ, sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie! 7Na ɔsɔre sii mu kɔɔ ne fie. 8Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.
Mateo frɛ
(Marko 2.13-17; Luka 5.27-32)
9Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi. 10Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ wɔ fie no, hwɛ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii ba bɛnee Yesu ne n’asuafoɔ no tenaa adidiiɛ. 11#Luk 15.2 Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi? 12Na ɔteeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, ɛnhia wɔn ɔyaresafoɔ na mmom wɔn a wɔyareɛ no. 13#Hos 6.6; 1 Sa 15.22; Mat 18.11 Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.
Mmuadadie
(Marko 2.18-22; Luka 5.33-38)
14 #
Luk 18.12
Ɛnna Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ di mmuada, na w’asuafoɔ deɛ, wɔnni mmuada yi? 15#Yoh 3.29 Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada. 16#Yoh 1.17 Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntɛmu no yi firi atadeɛ no mu a, nteteeɛ no yɛ kɛseɛ. 17Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie.
Yairo babaa ne ɔbaa bi ayaresa
(Marko 5.22-43; Luka 8.41-56)
18Ɔreka yeinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanin baako bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Seesei ara me babaa awu, na bra, na fa wo nsa bɛto ne so, na ɔbɛnya nkwa. 19Na Yesu sɔre ne n’asuafoɔ no dii n’akyi.
20Na hwɛ, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dummienu faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atadeɛ ano nnwo. 21#Mat 14.36 Na ɔkaa no ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atadeɛ nko ara a, me ho bɛyɛ me den. 22Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.
23Na Yesu duruu ɔpanin no fie na ɔhunuu atɛntɛbɛnhyɛnfoɔ ne nkurɔfokuo a wɔreyɛ gyegyeegye no, 24#Yoh 11.11; 11.14; 11.25 ɔkaa sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔseree no. 25Na ɔpamm nkurɔfokuo no firii adie no, ɔkɔɔ mu kɔsɔɔ ne nsa, na ababaa no nyanee. 26Na yei ho asɛm trɛɛ asase no nyinaa so.
Anifirafoɔ baanu adehunu
27Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ! 28Na ɔduruu fie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn; na Yesu bisaa wɔn sɛ: Mogye di sɛ mɛtumi mayɛ yei? Wɔbuaa no sɛ: Aane, owura. 29#Mat 8.13 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ: Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo! 30#Mat 8.4 Na wɔn ani buebueeɛ. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante! 31Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ no, wɔde ne ho asɛm tenee asase no nyinaa so.
Ɔbɔdamfoɔ mum bi ayaresa
32Na wɔrefiri adie no, hwɛ, wɔde emum bi a honhommɔne wɔ ne soɔ brɛɛ no. 33Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel. 34#Mat 12.24 Na Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɔtu ahonhommɔne.
Ntimmɔborɔ
35 #
Mat 4.23
Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. 36#Mat 14.14; Mar 6.34; Hes 34.5 Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ. 37#Luk 10.2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua. 38Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa adwuma no mu!
Currently Selected:
Mateo 9: ASWDC
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.