YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 28

28
Ɛda hunu no
(Marko 16.1-10; Luka 24.1-10; Yohane 20.1-18)
1Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no. 2Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so. 3#Mat 17.2; Aso 1.10 Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa. 4Na ne ho hu nti, awɛmfoɔ no ho popoe, na wɔyɛɛ sɛ awufoɔ. 5Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. 6#Mat 12.40; 16.21; 17.23; 20.19; Aso 2.36 Ɔnni ha; na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda! 7#Mat 26.32 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ sɛ wanyane afiri awufoɔ mu. Na hwɛ, ɔredi mo anim kan akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no; hwɛ, maka akyerɛ mo.
Wɔhyia Yesu
8Na wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara de ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafoɔ no. 9Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kaa sɛ: Mema mo amo! Na wɔba bɛsosɔɔ ne nan koto sɔree no. 10#Heb 2.11 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.
Asɔfoɔ mpanimfoɔ no ma adanmudeɛ
11Na wɔrekorɔ no, hwɛ, awɛmfoɔ no mu binom baa kuro no mu bɛkaa deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no. 12Na wɔne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔtuu agyina no, wɔmaa asraafoɔ no sika bebree 13#Mat 27.64 kaa sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdaeɛ no, na n’asuafoɔ ba bɛwiaa no. 14Na sɛ yei duru amrado aso mu a, yɛbɛkyerɛ no mu, na mo ho anka mu. 15Na wɔgyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de abɛsi nnɛ.
Asɛmpatrɛ adwuma ho ahyɛdeɛ
16 # Mat 28.7 Na asuafoɔ dubaako no sii mu kɔɔ Galilea, bepɔ a Yesu kyerɛɛ wɔn no so. 17Na wɔhunuu no no, wɔkoto sɔree no; na ebinom gyee akyinnyeɛ. 18#Mat 11.27; Efe 1.20-22 Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19#Mar 16.15-16 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20#Mat 18.20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.

Currently Selected:

Mateo 28: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in