YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 8

8
Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi
1Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 2Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no, 4wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, wɔakyere ɔbaa yi wɔ adwamammɔ mu pɛɛ. 5#Lew 20.10 Nso Mose hyɛɛ yɛn mmara no mu sɛ, wɔnsi nnipa a ɛte saa aboɔ; na wo nso, wose sɛn? 6Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam. 7Na wɔda so ara rebisa no no, ɔmaa ne mu so see wɔn sɛ: Mo mu deɛ bɔne nni ne ho no, ma no nto no ɛboɔ kane! 8Na ɔbrɛɛ ne mu ase bio, twerɛtwerɛɛ fam. 9#Rom 2.22 Na wɔn deɛ, wɔteeɛ, na wɔn ahonim buu wɔn atɛn no, wɔfirii adi mmaako mmaako firi mpanimfoɔ so bɛsii wɔn a wɔdi akyire so; na ɛkaa Yesu nko ne ɔbaa a ɔgyina mfimfini no. 10Na Yesu maa ne mu soɔ, na wanhunu obiara sɛ ɔbaa no nko no, ɔsee no sɛ: Ɔbaa, ɛhe na w’atoafoɔ no wɔ? Obi ammu wo fɔ anaa? 11#Yoh 5.14 Na ɔse: Obi ammu me fɔ, Owura. Na Yesu see no sɛ: Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɛ bɔne bio!]#8.11 Tete atwerɛfoɔ a wɔgye wɔn to mu binom mfa yei nka ho.
Yesu ne wiase hann no
12 # Yes 49.6; Yoh 1.5; 1.9 Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann. 13Ɛnna Farisifoɔ no see no sɛ: Wo deɛ, wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ. 14#Yoh 5.31 Yesu bua see wɔn sɛ: Sɛ medi me ara me ho adanseɛ mpo a, m’adanseɛ no yɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, menim faako a mefire ne faako a merekorɔ; na mo deɛ, monnim deɛ mefire ne deɛ merekorɔ. 15Mo deɛ, mobu ɔhonam ani atɛn; na me deɛ, memmu obiara atɛn. 16#Yoh 8.29 Na sɛ mebu atɛn mpo a, m’atemmuo no yɛ nokorɛ; ɛfiri sɛ ɛnyɛ me nko ara na mebu atɛn, na mmom me ne Agya no a ɔsomaa me no. 17#Deut 19.15 Na wɔatwerɛ no mo mmara nwoma no mu nso sɛ: Nnipa baanu adanseɛ yɛ nokorɛ. 18Me na medi me ho adanseɛ, na Agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanseɛ. 19#Yoh 14.7 Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛhe na w’Agya wɔ? Yesu buaa sɛ: Monnim me, na monnim m’Agya nso; sɛ monim me a, anka monim m’Agya no nso. 20#Yoh 7.30; Luk 22.53 Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.
Yesu hyɛ ne wuo ho nkɔm
21 # Yoh 7.34; 13.33 Ɛnna ɔsee wɔn bio sɛ: Me deɛ, merekɔ, na mobɛhwehwɛ me, na mobɛwu mo bɔne mu; na faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ. 22#Yoh 7.35 Ɛnna Yudafoɔ no kaa sɛ: Ɔrebɛdi ne ho awu anaa, enti na ɔse: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ? 23#Yoh 3.31 Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, mofiri fam, na me deɛ, mefiri soro. Mofiri wiase; na me deɛ, memfiri wiase yi mu. 24Enti mese mo sɛ: Mobɛwu mo bɔne mu; na sɛ moannye anni sɛ mene no a, mobɛwu mo bɔne mu. 25Ɛnna wɔsee no sɛ: Wone hwan? Na Yesu see wɔn sɛ: Deɛ mefiri mfitiaseɛ meka mekyerɛɛ mo no a. 26Mewɔ mo ho nsɛm pii a mɛka, na mabu atɛn; na deɛ ɔsomaa me no yɛ nokwafoɔ. Na deɛ metee no ne nkyɛn no, ɛno na meka mekyerɛ wiase. 27Wɔanhunu sɛ Agya no ho asɛm na ɔka kyerɛɛ wɔn. 28#Yoh 3.14; 12.32 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ monya ma Onipa Ba no so a, ɛno na mobɛhunu sɛ mene no, na memmɔ me ara me tirim menyɛ biribi, na sɛdeɛ Agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno saa na meka. 29#Yoh 8.16 Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; ɔnnyaa me nko, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa. 30#Yoh 7.31 Ɔrekasa saa no, nnipa pii gyee no dii.
Nokorɛ asuafoɔ
31 # Yoh 15.14 Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa; 32na mobɛhunu nokorɛ no, na nokorɛ no ayɛ mo adehyeɛ. 33#Mat 3.9 Wɔbuaa no sɛ: Abraham asefoɔ ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehyeɛ? 34#Rom 6.16; 6.20; 1 Yoh 3.8 Yesu buaa wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne no akoa. 35Na akoa nka fie daa; na ɔba deɛ, ɔtena hɔ daa. 36#Rom 6.18; 6.22 Enti sɛ Ɔba no yɛ mo adehyeɛ a, mobɛyɛ adehyeɛ ampa.
37 Menim sɛ moyɛ Abraham asefoɔ; nanso mohwehwɛ me aku me, ɛfiri sɛ m’asɛm nsene mo mu. 38Deɛ mahunu no Agya no nkyɛn na meka, na mo deɛ moyɛ deɛ moate no mo agya no nkyɛn.
Yesu ne Abraham
39Wɔbua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma; 40na afei morehwehwɛ me aku me, me a maka mo nokorɛ a mate no Nyankopɔn nkyɛn no. Yei deɛ, Abraham anyɛ saa. 41Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wɔanwo yɛn adwamammɔ mu; Agya baako na yɛwɔ, ɔno ne Onyankopɔn. 42Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Onyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me deɛ, mefiri Nyankopɔn mu na mebaeɛ. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebaeɛ, na ɔno na ɔsomaa me. 43Adɛn nti na monte me kasa aseɛ? Ɛfiri sɛ montumi ntie m’asɛm. 44#1 Yoh 3.8-10; Gye 3.4; 2 Pe 2.4 Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. 45Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni. 46#2 Ko 5.21; 1 Pe 2.22 Mo mu hwan na ɔbu me bɔne bi ho atɛn? Na sɛ meka nokorɛ a, adɛn nti na monnye me nnie? 47#Yoh 18.37 Deɛ ɔfiri Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; deɛ enti montie wɔn ne sɛ, momfiri Nyankopɔn mu.
48 # Yoh 7.20 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne? 49Yesu buaa sɛ: Me deɛ, menni honhommɔne; na medi m’Agya no ni, na mo deɛ, mohyɛ me ahohora. 50#Yoh 5.41 Me deɛ, menhwehwɛ me ara m’animuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na ɔbu atɛn. 51#Yoh 6.40; 6.47 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhunu owuo ara da. 52Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da. 53Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Abraham a ɔwuiɛ no anaa? Na adiyifoɔ no nso wui a; ɛnneɛ na woreyɛ wo ho hwan ni? 54Yesu buaa sɛ: Sɛ mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam no nyɛ hwee: Ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me animuonyam. 55#Yoh 7.28 Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so. 56Mo agya Abraham ho sanee no sɛ ɔbɛhu me da; na ɔhunui, na n’ani gyee. 57Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Wonnya nnii mfirinhyia aduonum mpo, na ɛyɛɛ dɛn na wohunuu Abraham? 58Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ. 59#Yoh 10.31 Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.

Currently Selected:

Yohane 8: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in