YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 8

8
Nsuo no twe
1Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase. 2#Gye 7.11-12 Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ; 3na nsuo no twe firii asase so ara. Na ɛfiri nna ɔha aduonum akyiri no na na nsuo no so rehwan.
4Na ɛda a ɛtɔ so dunson wɔ bosome nson no mu na adaka no kɔsii Ararat mmepɔ soɔ. 5Na nsuo no kɔɔ so twee ara kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so; na saa bosome yi ara na da a ɛdi kan no na mmepɔ atifi dedaa adie.
6Na ɛno akyiri adaduanan no, Noa buee adaka no mpomma a ɔyɛeɛ no, 7na ɔsomaa anene. Na ɔfirii adi, na ɔdii akɔneaba de kɔsii sɛ nsuo no wee asase soɔ. 8Na ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no awe wɔ asase ani anaa. 9Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu. 10Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio. 11Na aburuburo no baa ne nkyɛn anwummerɛ, na hwɛ, ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Noa hunuu sɛ nsuo no awe asase so. 12Na ɔtwɛn nnanson bio no, ɔsomaa aburuburo no; na wansane amma ne nkyɛn bio. 13Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo. 14Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.
15Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ: 16Firi adaka no mu, wo ne wo yere, wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho; 17#Gye 1.22, 28 mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so. 18#2 Pe 2.5 Na Noa ne ne yere, ne ne mma ne wɔn yerenom firii adi; 19mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.
Noa afɔrebɔ
20 # Gye 7.2 Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so. 21#Gye 6.5; Dwom 14.3; Hiob 14.4; Mat 15.19; Rom 3.23; Yes 54.9 Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.
22 # Yer 33.20, 25 Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa,
oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro,
asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo
rennyae da.

Currently Selected:

Gyenesis 8: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in