YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 50

50
1 # Gye 46.4 Na Yosef de n’anim kɔbutuu n’agya anim, na ɔsu guu ne so, na ɔfee n’ano. 2Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduro sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduro. Na wɔhyɛɛ Israel mu aduro. 3Na wɔdii ho adaduanan, nna a wɔde wie adurohyɛ no ne no. Na Misraimfoɔ suu no adaduɔson.
4Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ: 5#Gye 47.29-30 M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra. 6Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.
7Na Yosef kɔɔ sɛ ɔrekɔsie n’agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fie mpanimfoɔ ne Misraim asase so mpanimfoɔ nyinaa 8ne Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie na wɔgyaa wɔn Gosen asase no soɔ. 9Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛseɛ. 10Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson. 11Na ɛhɔfoɔ, Kanaanfoɔ no, hunuu esu a wɔsuu no Atad ayuporebea hɔ no, wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Misraimfoɔ ayie a emu yɛ den nie. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Abel-misraim#50.11 ABEL-MISRAIM: Asekyerɛ ne: Misraimfoɔ ayiyɛ. ɛwɔ Yordan agya nohoa. 12#Gye 49.29 Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no. 13#Gye 23.16 Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu. 14Na Yosef siee n’agya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔsiee n’agya no nyinaa sane baa Misraim.
Yosef ma ne nuanom awerɛhyɛmu
15Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka. 16Na wɔmaa wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya hyɛe ansa na ɔrewuo sɛ: 17Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui. 18Na ne nuanom nso ba bɛtwa hwee n’anim kaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa. 19Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa? 20#Gye 45.5; Yes 28.29 Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa. 21Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.
Yosef wuo
22Na Yosef ne n’agya fiefoɔ tenaa Misraim, na Yosef dii mfirinhyia ɔha ne du.
23 # Gye 30.3 Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.
24 # Heb 11.22 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.
25 # Eks 13.19; Yos 24.32 Na Yosef maa Israel mma kaa ntam na ɔkaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ. 26Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.

Currently Selected:

Gyenesis 50: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in