YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 41

41
Yosef kyerɛ Farao daeɛ ase
1Na mfeɛ mmienu akyiri no, Farao soo daeɛ, na hwɛ, ɔgyina Nil asubɔnten no ho. 2Na hwɛ, anantwibereɛ nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho firi asubɔnten no mu ba bɛdidii ɛserɛ no mu. 3Na hwɛ, anantwibereɛ nson foforɔ a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn nso firi asubɔnten no mu dii wɔn akyiri bae. Na wɔbɛgyinaa anantwie nson no nkyɛn wɔ asubɔnten no nsunoa. 4Na anantwie a wɔn ho yɛ tane na wɔafomfɔn no memenee nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho tua wɔn ho no. Na Farao nyanee. 5Na ɔsane soo daeɛ bio, na hwɛ, ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri wɔ nan korɔ so. 6Na hwɛ, mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no fifiri dii akyire bae. 7Na mmɛtem nkorowankorowa no memenee mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na ayuo wɔ mu no. Na Farao nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. 8#Dan 2.2 Na anɔpa no ne ho dwanee no, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ Misraim atwerɛfoɔ nyinaa ne ɛhɔ anyansafoɔ nyinaa, na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ no aseɛ. 9Ɛnna nsahyɛfoɔ mu panin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Makae me mfomsoɔ nnɛ. 10Berɛ a Farao bo fuu ne nkoa na ɔde me ne paanootofoɔ panin no kɔtoo afiase wɔ ankɔbeafoɔ panin fie no, 11yɛsosoo daeɛ anadwo korɔ no ara, me ne no na ɛsonsono yɛn daeɛ a yɛsosoeɛ ne ebiara nkyerɛaseɛ. 12Na Hebrini aberanteɛ bi a ɔyɛ ankɔbeafoɔ panin no akoa ne yɛn na ɛwɔ hɔ, na yɛkekaa yɛn daeɛ kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn yɛn daeɛ no ase, sɛdeɛ ebiara teɛ. 13Na sɛdeɛ ɔkyerɛɛ yɛn aseɛ no, saa ara na ɛbaeɛ. Wɔde me sane kɔdii me dibea, na ɔno deɛ, wɔsɛnee no.
14Na Farao soma maa wɔkɔfrɛɛ Yosef, na wɔyɛɛ ntɛm yii no firii afiase hɔ; na ɔyii ne tirinwi, na ɔsakyeraa ne ntadeɛ, na ɔbaa Farao anim. 15Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Maso daeɛ, nso obiara nni hɔ a ɔtumi kyerɛ aseɛ; na wo na mate wo nka sɛ, wote daeɛ a, wotumi kyerɛ aseɛ. 16#Gye 40.8 Na Yosef buaa Farao sɛ: Ɛnni me fam, na mmom Onyankopɔn na ɔmfa mmuaeɛ pa mma Farao. 17Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Me daeɛ mu no, hwɛ, na megyina Asubɔntene Nil nsunoa. 18Na hwɛ, anantwie nson a wɔn ho tua wɔn ho na wɔn ho yɛ fɛ firi nsuo no mu ba bɛdidii wɔ wiram hɔ. 19Na hwɛ, anantwie nson foforɔ nso a wɔyɛ kanyaa na wɔn ho yɛ tane yie, na wɔafomfɔn a menhunuu wɔn ho tane no so bi wɔ Misraim asase nyinaa so da dii wɔn akyiri bae. 20Na anantwie a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tane no memenee kane anantwie nson a wɔadɔre no. 21Na wɔduruu wɔn yafunu mu no, obi anhunu sɛ wɔaduru wɔn yafunu mu, na wɔn ho da so yɛ tane sɛ kane no ara. Ɛnna menyaneeɛ. 22Na mehunuu wɔ me daeɛ mu sɛ ayuo mmɛtem nson a ɛtoatoa soɔ na abɔ ma refifiri nan korɔ so. 23Na hwɛ, mmɛtem nson a ahoa na ɛyɛ ntraantraa na apueeɛ mframa ama no akusa dii akyire fifirii. 24Na mmɛtem ntraantraa no memenee mmɛtem nson a ɛyɛ no. Na maka makyerɛ atwerɛfoɔ no, nso obiara antumi ankyerɛ me aseɛ.
25Na Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: Farao daeɛ no yɛ bafua; Onyankopɔn rekyerɛ Farao deɛ ɔrebɛyɛ. 26Anantwie pa nson no yɛ mfeɛ nson, na mmɛtem nson pa no nso yɛ mfeɛ nson; ɛyɛ daeɛ korɔ. 27Na anantwie nson a wɔafomfɔn a wɔn ho yɛ tane a wɔdii wɔn akyiri baeɛ no ne mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no bɛyɛ mfirinhyia nson kɔm. 28Asɛm no te sɛ deɛ maka makyerɛ Farao no ara. Deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no na ɔde akyerɛ Farao yi: 29Hwɛ, mfirinhyia nson reba a aduane bebree bɛba Misraim asase nyinaa soɔ. 30Na ɛno akyiri no, ɛkɔm bɛba mfirinhyia nson ama nnipa werɛ afiri aduane bebrebe no nyinaa wɔ Misraim asase so, na ɛkɔm no bɛhye asase no. 31Na ɛkɔm a ɛbɛdi akyire no nti wɔrenhunu asase no so aduane bebrebe no bio, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu bɛyɛ dendeenden. 32Na daeɛ no a ɛyɛɛ mmɔho mmienu maa Farao no ase ne sɛ, Onyankopɔn ahyɛ saa adeɛ no ampa, na Onyankopɔn rebɛyɛ no ntɛmntɛm.
33Na afei ma Farao nhwehwɛ onipa a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ mfa no nsi Misraim asase so. 34Na Farao nyɛ yei, na ɔnsisi asase no so ahwɛfoɔ, na wɔnnyegye Misraim asase so aduane so ntotosoɔ nnum nnum mfeɛ nson a aduane bebree wɔ mu no mu. 35Na ma wɔmmoaboa mfirinhyia pa a ɛrebɛba yi mu aduane nyinaa ano, na wɔmfa ayuo ngugu asan so sɛdeɛ Farao bɛhyɛ, na ɛnyɛ nkuro mu aduane, na wɔmfa nsie. 36Na ayɛ aduane a wɔakora ama asase no de asie mfirinhyia nson kɔm a ɛbɛba Misraim asase soɔ no, na asase no ansɛe wɔ ɛkɔm no mu.
Yosef animuonyamhyɛ
37Na asɛm no sɔɔ Farao ne ne nkoa nyinaa ani. 38#Mmb 14.35 Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Nyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa? 39Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ɛnam sɛ Onyankopɔn de yei nyinaa akyerɛ woɔ yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma ne onyansafoɔ sɛ woɔ. 40#Skf 4.14; Dwom 113.7; 37.37 Wobɛdi me fie so, na w’anomu asɛm so na me man nyinaa bɛdie, gye ahennwa nko so na mɛsene woɔ. 41#Aso 7.10 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, mede wo masi Misraim asase nyinaa so. 42#Est 3.10; 8.2; Dan 5.29 Na Farao yii nsɔanokaa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no nwera pa atadeɛ, na ɔde sika atweaban too ne kɔn mu. 43Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu mu, na wɔteaa mu dii n’anim sɛ: Monkoto! Na ɔde no sii Misraim asase nyinaa so. 44Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Mene Farao, na obiara renkwati wo nyɛ biribiara wɔ Misraim asase nyinaa so. 45Na Farao frɛɛ Yosef Safnat-panea. Na ɔde On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat maa no awareɛ. 46Na Yosef kɔgyinaa Misraimhene Farao anim no, na wadi mfirinhyia aduasa. Na Yosef firii Farao anim hɔ kɔkyinii Misraim asase nyinaa so.
47Na ahotɔ mfeɛ nson no mu no, aduane pii baa asase no so maa no buu so. 48Na ɔboaboaa mfeɛ nson a ɛbaa Misraim asase soɔ no mu aduane nyinaa ano, na ɔde aduane no siee nkuro no mu; nkuraa a atwa ahyia no mu aduane na ɔde siee nkuro no mu. 49Na Yosef boaboaa ayuo ano pii pa ara sɛ mpoano anwea de kɔsii sɛ wɔgyaee kan, ɛfiri sɛ na ɛnni ano.
50Na wɔwoo mma baanu maa Yosef ansa na ɛkɔm mfirinhyia no reduro; wɔn na On sɔfoɔ Potifera ba Asnat wo maa no. 51Na Yosef too abakan no din Manase, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama me werɛ afiri m’amaneɛ ne m’agya fie nyinaa. 52Na ɔtoo deɛ ɔtɔ so mmienu no din Efraim, ɛfiri sɛ ɔse: Onyankopɔn ama madɔ wɔ m’amanehunu asase yi so. 53Na ahotɔ a ɛbaa Misraim asase so mfeɛ nson no to twae.
54Na ɛkɔm mfeɛ nson no firii aseɛ bae, sɛdeɛ Yosef kaeɛ no, na ɛkɔm baa nsase nyinaa so na Misraim asase nyinaa so deɛ, na aduane wɔ hɔ. 55Na ɛberɛ a ɛkɔm kaa Misraim asase nyinaa no, na ɔman no kɔsu kɔm kyerɛ Farao. Na Farao ka kyerɛɛ Misraim nyinaa sɛ: Monkɔ Yosef nkyɛn, deɛ ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ. 56Na ɛkɔm no baa asase no so nyinaa. Na Yosef buebuee aduanekora adan no nyinaa, na ɔtɔnee aburoo maa Misraimfoɔ no, na ɛkɔm no mu yɛɛ den Misraim asase so. 57#Gye 12.10 Na aman nyinaa baa Misraim bɛtɔɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ asase no nyinaa so.

Currently Selected:

Gyenesis 41: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in