YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 38

38
Yuda ne Tamar
1Na ɛbaa sɛ berɛ no ara mu Yuda firii ne nuanom nkyɛn kɔe, na ɔkɔtenaa Adulamni bi a wɔfrɛ no Hira nkyɛn. 2Na Yuda hunuu Kanaanni bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi wɔ hɔ, ɔwaree no na ɔne no dae. 3Na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Er. 4Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Onan. 5Na ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Sela. Na ɔwoo no no, na ɔwɔ Kesib.
6Na Yuda waree yerɛ bi a wɔfrɛ no Tamar maa n’abakan Er. 7Na Yuda abakan Er dii amumuyɛsɛm AWURADE anim, na AWURADE kumm no.
8 # Deut 25.5 Na Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: Kɔ wo nua yere no ho, na fa ne kunafoɔ, na wo mma ma wo nua no. 9Na Onan nim sɛ mma no renyɛ ne dea, na ɛbaa sɛ, sɛ ɔkɔ ne nua yere no ho a, ɔma ne ho gu fam sɛe, na wanwo mma amma ne nua. 10Na deɛ ɔyɛeɛ no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti ɔkumm ɔno nso.
11Na afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: Kɔtena kuna mu wɔ w’agya fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini. Ɛfiri sɛ ɔse, anyɛ saa a, ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom. Na Tamar kɔ kɔtenaa n’agya fie.
12Na ɛkyɛree kyɛreeɛ no, Sua babaa, Yuda yere no, wui. Na Yuda werɛ kyekyereeɛ no, ɔne n’adamfo Hira Adulamni no kɔɔ ne nnwan ho twitwafoɔ nkyɛn wɔ Timnat. 13Na wɔkɔka kyerɛɛ Tamar sɛ: Hwɛ, w’ase rekɔ Timnat akɔtwitwa ne nnwan ho. 14Na ɔyii ne kuna ntadeɛ firii ne ho, na ɔde nkatanimu kataa n’anim, na ɔsakyeraa ne ho kɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timnat kwan ho, ɛfiri sɛ wahunu sɛ Sela anyini, na wɔamfa no amma no awareɛ. 15Na Yuda hunuu no no, ɛsiane sɛ wakata n’anim nti, ɔbuu no sɛ odwamamfoɔ. 16#Lew 18.15 Na ɔmane kɔɔ ne nkyɛn ɔkwan no ho kaa sɛ: Ma mene wo nkɔda ɛ, nso na ɔnnim sɛ n’ase a. Na ɔse: Ɛdeɛn na wobɛma me na wone me ada? 17Na ɔse: Mɛma wɔde abirekyie ba afiri mmoa mu abrɛ wo. Na ɔse: Ɛnneɛ ma me awowadeɛ kɔsi sɛ wode bɛba. 18Na ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn na memfa mensi wo awowa? Na ɔse: Wo nsɔanokaa ne wo homa ne wo nsam poma. Na ɔde maa no, na ɔkɔɔ ne ho, na ɔne no nyinsɛnee. 19Na ɔsɔree, na ɔkɔe, na ɔyii ne nkatanimu firii ne ho, na ɔhyɛɛ ne kuna ntadeɛ no. 20Na Yuda de abirekyie ba no maa n’adamfo Adulamni no sɛ ɔmfa nkɔgye n’awowadeɛ no wɔ ɔbaa no nsam mmrɛ no, nanso wanhu no. 21Na ɔbisaa kurom hɔfoɔ sɛ: Odwamamfoɔ a ɔte Enaim kwan ho no wɔ he? Na wɔse: Odwamamfoɔ biara nni ha. 22Na ɔsane baa Yuda nkyɛn bɛkaa sɛ: Manhu no, nanso kurom hɔfoɔ se: Odwamamfoɔ biara nni hɔ. 23Na Yuda se: Ma no mfa, na yɛn ani anwu. Hwɛ, mama wode abirekyie ba yi akɔma no, na woanhu no. 24Na ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W’ase Tamar abɔ adwaman ama no anyinsɛn. Na Yuda kaa sɛ: Monkɔfa no mmra na wɔnhye no. 25Na wɔkɔfaa Tamar baeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Ɔbarima a ne nnoɔma nie no, ne me na anyinsɛn. Na ɔse: Hwehwɛ mu na hwɛ, deɛ nsɔanokaa, homa ne poma yi yɛ ne dea? 26Na Yuda ani hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ɔtene sene me, ɛfiri sɛ mamfa no mamma me ba Sela. Nanso ɔne no anna bio.
27Na ɛduruu n’awoɔ soɔ no, hwɛ, na nta na ɛwɔ ne yam. 28Na ɔrewoɔ no, ɔbaako yii ne nsa, na awogyefoɔ no sɔɔ mu de asaawa kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa no kaa sɛ: Oyi na ɔfirii adi kane. 29#Mat 1.3 Na ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, hwɛ, ne nua no firii adi, na ɔkaa sɛ: Hwɛ sɛdeɛ woatete mu? Wo so na ntemu no wɔ. Enti wɔtoo no din Peres. 30Na akyire yi no, ne nua a asaawa kɔkɔɔ bɔ ne nsa soɔ no bae, na ɔtoo no din Sera.#38.30 SERA: Asekyerɛ ne: Kɔkɔɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 38: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in