YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 29

29
Yakob kɔduru Laban fie
1Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so. 2Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano. 3Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔboɔ no to abura no so bio wɔ ne daberɛ hɔ. 4Na Yakob bisaa wɔn sɛ: Me nuanom, mofiri he? Na wɔse: Yɛfiri Haran. 5Na ɔsee wɔn sɛ: Monim Nahor ba Laban anaa? Na wɔse: Yɛni no. 6Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ne ho yɛ? Na wɔbuaa sɛ: Ne ho yɛ, na hwɛ, ne babaa Rahel ne nnwan na ɛreba yi. 7Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, adeɛ nnya nsae koraa, na ɛberɛ a wɔboaboa mmoakuo ano nnya nnurui. Momma nnwan no nsuo nnom, na monkɔ mma wɔnkɔdidi. 8Na wɔse: Yɛntumi, gye sɛ wɔaboaboa nnwankuo no nyinaa ano, na wɔamuni ɔboɔ no afiri abura no ano, ansa na yɛama nnwan no anom.
9Na Yakob ne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n’agya nnwan no bae, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ. 10Na Yakob hunuu ne na nua Laban ba Rahel ne ne na nua Laban nnwan no no, ɔtwe pinii kɔmunii ɔboɔ no firii asubura no ano, na ɔmaa ne na nua nnwan no nsuo nomee. 11Na Yakob fee Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui. 12Na Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ɔyɛ n’agya busuani, na ɔyɛ Rebeka ba. Na Rahel tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ n’agya.
13Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, ɔtuu mmirika kɔhyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu fee n’ano, na ɔde no baa ne fie. Na ɔbɔɔ n’amanneɛ kyerɛɛ Laban. 14Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.
Yakob som Laban de ware Lea ne Rahel
15Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛnam sɛ woyɛ me busuani nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me deɛ ɛnyɛ w’akatua. 16Nso Laban wɔ mmammaa baanu, ɔpanin no din de Lea, na akumaa no din de Rahel. 17Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.
18Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkaa sɛ: Wo ba kumaa Rahel nti mɛsom wo mfeɛ nson. 19Na Laban se: Ɛyɛ sɛ mede no mema woɔ sene sɛ mede no bɛma onipa foforɔ bie; tena me nkyɛn. 20Na Rahel nti Yakob som mfeɛ nson, na dɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna mfuamfua bi. 21Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na mene no nna. 22Na Laban boaboaa kurom hɔfoɔ nyinaa ano, na ɔtoo pono.
23Na anadwofa no ɔde ne ba Lea brɛɛ no, na ɔne no dae. 24(Na Laban de n’abaawa Silpa maa ne ba Lea yɛɛ n’abaawa.) 25Na adeɛ kyeeɛ no, Yakob hunuu sɛ ɛyɛ Lea mmom. Na ɔbisaa Laban sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom woɔ? Na adɛn nti na woadaadaa me yi? 26Ɛnna Laban se: Yɛn ha deɛ, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama. 27#Ate 14.12, 17 Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, som a wobɛsom me mfeɛ nson bio ho.
28Na Yakob yɛɛ saa, na ɔdii ne nkyɛn nnawɔtwe no. Na ɔde ne ba Rahel maa no awareɛ. 29(Na Laban de n’abaawa Bilha maa ne ba Rahel yɛɛ n’abaawa.) 30#Lew 18.18 Na Yakob ne Rahel nso dae, na ɔdɔ Rahel sene Lea, na ɔsomm no mfeɛ nson bio.
Yakob mma
31Na AWURADE hunuu sɛ wɔtane Lea no, ɔbuee ne yafunu mu, na Rahel deɛ, ɔyɛɛ obonini.
32Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben,#29.32 RUBEN: Asekyerɛ ne: Monhwɛ babanin. na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me. 33Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: AWURADE ate sɛ wɔtane me nti na ɔde oyi nso ama me. Na ɔtoo no din Simeon.#29.33 SIMEON: Asekyerɛ ne: Otie. 34Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi.#29.34 LEWI: Asekyerɛ ne: Ahofam. 35Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Yei deɛ mɛyi AWURADE ayɛ. Enti ɔtoo no din Yuda.#29.35 YUDA: Asekyerɛ ne: Ayeyie. Na n’awoɔ mu twee.

Currently Selected:

Gyenesis 29: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in