YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 28

28
Isak hyira Yakob, na ɔgya no kwan kɔ Mesopotamia
1 # Gye 24.3 Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu. 2#Gye 22.23; 24.29 Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi. 3Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo; 4#Gye 12.2 na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi. 5Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau wɔn na Rebeka nuabarima no nkyɛn.
Esau ware ɔbaa foforɔ
6Na Esau hunuu sɛ Isak ahyira Yakob, ama wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yerɛ wɔ hɔ. Afei ɔhunuu bio sɛ ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmammaa mu yerɛ, 7na Yakob tiee n’agya ne ne na, na ɔkɔɔ Mesopotamia. 8Na Esau hunuu sɛ Kanaan mmammaa nyɛ wɔ n’agya Isak ani soɔ no, 9#Gye 25.13; 26.34 ɔsii mu kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babaa, Nebaiot nuabaa Mahalat kaa ne yerenom no ho.
Yakob daeɛso wɔ Betel
10Na Yakob firi Beer-seba sii mu kɔɔ Haran. 11Na ɔduruu baabi no ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, ɛfiri sɛ na owia akɔtɔ. Na ɔfaa hɔ aboɔ no bi de yɛɛ sumiiɛ, na ɔdaa hɔ. 12#Yoh 1.51 Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13#Gye 12.7 Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ. 14#Gye 13.16; 12.3 Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa. 15Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu. 16Na Yakob nyane firii ne nna mu no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me deɛ, manhunu. 17#Eks 3.5 Na ɔsuroe, na ɔse: Ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Nyankopɔn fie, na ɛha ne ɔsoro aboboano.
18Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ odum sii hɔ, na ɔhwiee ngo guu so. 19#Gye 35.14-15 Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel,#28.19 BETEL: Asekyerɛ ne: Nyankopɔn fie. nanso akane no na kuro no din de Lus.
20Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ, 21na wasane me asomdwoeɛ mu de me aba m’agya fie a, ɛnneɛ AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn. 22#Gye 35.1, 7 Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.

Currently Selected:

Gyenesis 28: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in