YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 20

20
Abraham ne Abimelek
1 # Gye 12.9-10; 26.1 Na Abraham tutu firii hɔ kɔɔ Negeb asase so, na ɔkɔtenaa Kades ne Sur ntam. Na ɔkɔtenaa Gerar nso.
2Ɛhɔ Abraham kaa ne yere Sara ho sɛ: Ɔyɛ me nuabaa. Na Gerar hene Abimelek soma maa wɔbɛfaa Sara.
3Na Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo daeɛ mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa a woakɔfa no no nti, woawu awie, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere. 4Nso na Abimelek nnya mfaa ne ho nkaa no. Na ɔkaa sɛ: AWURADE, wobɛkum ɔman tenenee nso? 5Ɛnyɛ ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Me nua ne no? Na ɔbaa no nso kaa sɛ: Me nua ne no. M’akomam kann ne me tirim fitaa na mede meyɛɛ yei. 6Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no daeɛ mu sɛ: Me nso menim sɛ w’akomam kann na wode yɛɛ yei, na me nso mesɔɔ wo mu, na woanyɛ bɔne, ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7#Dwom 105.15 Na afei dane ɔbarima no yere kɔma no, ɛfiri sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannane no ankɔma no a, ɛnneɛ, hunu sɛ wuo na wobɛwuo, wo ne deɛ ɛwɔ woɔ nyinaa. 8Na Abimelek sɔree anɔpatutu frɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa guu wɔn aso mu, na nnipa no suroo pii.
9Na Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi, na bɔne bɛn na mayɛ woɔ, na wode bɔne kɛseɛ yi aba me ne m’ahennie soɔ? Adeɛ a wɔnyɛ na woayɛ me yi. 10Na Abimelek ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Ɛdeɛn na wohunuiɛ na wodii saa asɛm yi? 11Na Abraham kaa sɛ: Ɛfiri sɛ mesusuu sɛ, ampa Onyankopɔn ho suro nni ha yi, na me yere nti wɔbɛku me. 12Nanso ɛwom ampa sɛ ɔyɛ me nua; m’agya ba ne no, na ɛnyɛ me na ba a; na wayɛ me yere. 13Na Onyankopɔn maa mefirii m’agya fie mebɛkyiniiɛ no, mesee ɔbaa no sɛ: W’adɔeɛ a wobɛyɛ me ne sɛ, baabiara a yɛbɛduro no, ka no me ho sɛ: Ɔyɛ me nua.
14Ɛnna Abimelek faa nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa de maa Abraham, na ɔdanee ne yere Sara maa no. 15Na Abimelek kaa sɛ: Hwɛ, m’asase na ɛda w’anim yi, baabiara a ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no, tena. 16Na Sara deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama wo nua nnwetɛbena apem, hwɛ, ɛno na wɔn a wɔka wo ho nyinaa de bɛhunu wo tirim, na wo ho afi nnipa nyinaa anim.
17Na Abraham bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ, na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yadeɛ maa wɔwowoe. 18Ɛsiane Abraham yere Sara ho asɛm no nti, na AWURADE ato Abimelek fiefoɔ mmaa nyinaa yafunu mu.

Currently Selected:

Gyenesis 20: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in