YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 10

10
Noa awoɔ ntoatoasoɔ
(1 Berɛsosɛm 1.5-23)
1 # 1 Be 1.5-23 Na yeinom ne Noa mma Sem, Ham ne Yafet awoɔ ntoatoasoɔ. Na nsuyire no akyi, wɔwoo mma.
2Yafet mma nie: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. 3Na Gomer mma ne Askenas, Rifat ne Togarma. 4Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim. 5#Sak 2.11 Yeinom mu na nsuano amanaman no firi kɔpetee wɔn nsase soɔ, sɛdeɛ wɔn mu biara kasa ne wɔn mmusua teɛ, wɔn amanaman mu.
6Na Ham mma ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan. 7Na Kus mma ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne Saba ne Dedan.
8Na Kus woo Nimrod. Ɔno na ɔdii kan yɛɛ ɔkatakyie wɔ asase soɔ. 9Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ wɔ AWURADE anim; enti na wɔka sɛ: Ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a ɔwɔ tumi AWURADE anim te sɛ Nimrod nie. 10Na n’ahennie mfitiaseɛ ne Babel, Erek, Akad ne Kalne a ɛwɔ Sinear asase soɔ. 11#Yona 1.2 Asase no so na ɔfiri kɔɔ Asiria kɔkyekyeree Ninewe ne Rehobot-ir ne Kala, 12ne Resen kuro kɛseɛ a ɛda Ninewe ne Kala ntam no. 13Na Misraim woo Ludim, Anamim, Lehabim, Naftuhim, 14Patrusim, Kasluhim (a Filistifoɔ firii wɔn mu), ne Kaftorim.
15Kanaan woo n’abakan Sidon, ne Het, 16Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, 17Hiwifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, 18Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatfoɔ. Ɛno akyi na Kanaanfoɔ mmusua peteeɛ. 19Na Kanaanfoɔ hyeɛ firi Sidon kɔduru Gerar de kɔsi Gasa kɔduru Sodom, Gomora, Adma ne Seboim de kɔsi Lasa. 20Yeinom ne Ham mma, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman teɛ.
21 # Gye 11.10 Sem a ɔyɛ Yafet nua panin no mu na Eber mma nyinaa firie. 22Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram. 23Na Aram mma ne Us, Hul, Geter ne Mas. 24Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber. 25#Gye 11.8 Na Eber woo mma baanu. Deɛ ɔdi kan no din de Peleg,#10.25 PELEG: Asekyerɛ ne: Nkyekyɛmu. ɛfiri sɛ ne nna mu na wɔkyekyɛɛ asase mu; na ne nua din de Yoktan. 26Na Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera, 27Hadoram, Usal, Dikla, 28Obal, Abimael, Saba, 29Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa ne Yoktan mma. 30Na wɔn tenabea firi Mesa kɔduru Sefar, apueeɛ bepɔ so. 31Yeinom ne Sem mma, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman teɛ. 32#Gye 9.1, 19 Yeinom ne Noa mma mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyi amanaman petee asase soɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 10: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in