YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 5

5
Mose ne Aaron kɔ Farao anim
1 # Eks 3.18; 7.16; 8.1, 20; 9.1, 13 Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so. 2#Dan 3.15 Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ. 3Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ, na wamfa owuyadeɛ anaa nkrantɛ ammɛtua yɛn. 4Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo, Mose ne Aaron, moyi ɔman no firi wɔn nnwuma ho? Monkɔ mo adwumaden no so. 5#Eks 1.7, 12 Na Farao kaa sɛ: Monhwɛ, afei a nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afiri wɔn adwumayɛ mu yi!
6Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no sɛ: 7Mommma ɔman no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntaayaa no bio sɛ akane no; wɔn ara wɔnkɔboaboa ɛserɛ ano mfa. 8Na ntaayaa dodoɔ a na wɔyɛ daa no, monnye wɔn, monnyi so bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ anihafoɔ, enti na wɔsu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔdeɛ no. 9Momma wɔn adwuma a emu yɛ den na wɔnyɛ, na wɔantie nsenhunu. 10Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfoɔ ne wɔn aboafoɔ no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao seɛ nie: Meremma mo ɛserɛ bio. 11Mo ara monkɔ nkɔpɛ ɛserɛ wɔ deɛ mobɛnya bie; na mo adwuma no nso wɔrente so hwee. 12Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa ayuo ntwakaeɛ ano de yɛɛ ɛserɛ mehemehe no. 13Na akafoɔ no piapiaa wɔn kaa sɛ: Monwie mo da koro adwuma wɔ ne berɛ mu, sɛ berɛ a na ɛserɛ wɔ hɔ no. 14Na wɔhwee Israelfoɔ ahwɛfoɔ a Farao adwumayɛ so ahwɛfoɔ de asisi wɔn soɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn nti na moanwie ntaayaa a wɔahyɛ mo nnɛ ne nnora no nyinaa sɛ akane no?
15Ɛnna Israelfoɔ ahwɛfoɔ no ba bɛsu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne wo nkoa redi no saa? 16#1 Ah 1.21 Wɔmmaa wo nkoa ɛserɛ biara, nso wɔse yɛnyɛ ntaayaa; na hwɛ, wɔahwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfoɔ no mfomsoɔ. 17Na Farao buaa sɛ: Anihafoɔ, anihafoɔ na moyɛ. Enti na mose: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔdeɛ. 18Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na ɛserɛ deɛ, wɔremma mo, nso ntaayaa no dodoɔ deɛ, mobɛma ara. 19Na wɔkaa sɛ: Monnyi mo da koro adwuma mu ntaayaa no so ara da, na Israelfoɔ adwumayɛ so ahwɛfoɔ no hunuu sɛ amaneɛ na ato wɔn.
20Na wɔfiri Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wɔgyina hɔ rebɛhyia wɔn, 21#Gye 34.30 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn, sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrantɛ ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nku yɛn.
Mose kasa kyerɛ AWURADE
22Na Mose sane baa AWURADE nkyɛn bɛkaa sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sei? Adɛn na wosomaa me yi? 23Na ɛfiri berɛ a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din ne no kasaeɛ no, Farao ayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wonnyee wo man!

Currently Selected:

Eksodɔs 5: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in