YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 26

26
Ntomadan no ho nhyehyɛɛ
(Eksodɔs 36.8-38)
1 # Eks 36.8-19 Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini. 2Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako. 3Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso ntoatoa so, baako ntoa baako so. 4Na fa bibire bobɔ ntoma baako mmuano so kantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no so. Saa ara na yɛ wɔ ntoma a ɛdi akyire no mmuano so ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ. 5Nkantankoraa aduonum na bobɔ wɔ ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na bobɔ wɔ ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no nni mmɔanim. 6Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntoma no baako ntoa baako so, na tenabea no nyɛ baako.
7Na fa mmirekyie nwi yɛ ntoma, na fa yɛ tenabea no so ntomadan. Yɛ no ntoma dubaako. 8Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunum, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛ nyɛ baako. 9Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim. 10Na bobɔ nkantankoraa aduonum wɔ ntoma baako a ɛdi akyire no mmuano so wɔ ntoaeɛ no so, ne nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so. 11Na yɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no sosɔ nkantankoraa no mu, na ma ntomadan no ntoa nyɛ baako. 12Na ntomadan no ntoma nkaeɛ a ɛboro soɔ no, ntoma fa no a aka no, nsensɛne tenabea no akyi. 13Na ntomadan no ntoma no tentene no mu anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛne tenabea no nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so.
14Na fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntomadan no nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma yɛ ɛno so nkatasoɔ.
15 # Eks 36.20-30 Na fa okuo yɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ. 16Taaboɔ baako tentene nyɛ basafa nnum, na taaboɔ biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. 17Nan mmienu ntuatua taaboɔ baako ase, na biribi nsosɔ nan baako ne baako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboɔ no nyinaa ho. 18Sei na yɛ tenabea no ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu nni anafoɔ fam nkyerɛ nifa. 19Na yɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, nnyinasoɔ mmienu mmienu nhyehyɛ ntaaboɔ no mmaako mmaako ase mma ne nan mmienu mmienu no. 20Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ntaaboɔ aduonu na ɛnni hɔ, 21ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, ntaaboɔ no mmaako mmaako ase nnyinasoɔ mmienu mmienu. 22Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, fa ntaaboɔ nsia yɛ hɔ. 23Na yɛ tenabea no akyiri ntweaso mmienu no so ntaaboɔ mmienu. 24Na ɛmpam ho mfiri fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkɔduru ne hini so wɔ deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ. Saa ara na ne mmienu nyinaa nyɛ, na ɛnni ntweaso mmienu no soɔ. 25Na ɛnyɛ ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia, taaboɔ baako ase nnyinasoɔ mmienu, ne taaboɔ baako no ase nnyinasoɔ mmienu.
26 # Eks 36.31-34 Na fa okuo yɛ mmeamu; enum nyɛ tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ, 27na mmeamu nnum no nso nyɛ tenabea no nkyɛn baako no ntaaboɔ no deɛ, na mmeamu nnum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ. 28Na mfimfini mmeamu a ɛfa ntaaboɔ no mfimfini no ntwam mfiri tire nkɔduru tire. 29Na ntaaboɔ no, fa sika duradura ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma no nyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso. 30#Eks 25.9 Na si tenabea no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔayi akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no.
31 # Eks 36.35-38 Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no. #Mat 27.51 32Na fa sɛne okuo adum nnan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ɛnsisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. 33#Eks 26.6, 11; Heb 9.3-12 Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo. 34#Eks 25.21 Na fa mpata adwa no si Adanseɛ adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. 35#Eks 40.22 Na fa ɛpono no si ntwamutam no anim, na kaneadua no nni ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu anafoɔ fam, na fa ɛpono no si nkyɛn mu atifi fam. 36Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano. 37Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ.

Currently Selected:

Eksodɔs 26: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in