YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 16:3-4

Eksodɔs 16:3-4 ASWDC

Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa. Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so.