YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 14

14
Israelfoɔ twa Mmɛwa Po no
1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2Ka kyerɛ Israelfoɔ no ma wɔnnane nkɔkyere nsraban wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentensoɔ na monkyere nsraban no wɔ po no ano. 3Na Farao bɛka no Israelfoɔ ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, ɛserɛ aka wɔn atom. 4#Eks 4.21; 9.16; Hes 28.22 Na mɛpirim Farao akoma ama no ati wɔn, na mɛhyɛ m’anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfoɔ ahunu sɛ mene AWURADE. Na Israelfoɔ yɛɛ saa.
5Na wɔka kyerɛɛ Misraimhene sɛ ɔman no adwane kɔ. Na Farao ne ne nkoa akoma sakyerae wɔ ɔman no ho, na wɔse: Ɛdeɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som korɔ yi? 6Na ɔsiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho, 7na ɔfaa nteaseɛnam a wɔayie ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene. 8#Eks 13.9 Na AWURADE pirim Misraimhene Farao akoma maa no tii Israelfoɔ no, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no de ahosɛpɛ kɛseɛ na ɛfiri kɔeɛ. 9Na Misraimfoɔ tii wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n’apɔnkɔfoɔ ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔakyere nsraban wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.
10Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE. 11Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Adamena a ɛnni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ yi? Ɛdeɛn nti na woayɛ yɛn sɛɛ yi, sɛ woyii yɛn firii Misraim baeɛ yi? 12Ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no nie? Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sene sɛ yɛbɛwuwu ɛserɛ so.
13Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio. 14#Deut 1.30; 2 Be 20.15; Yes 30.15 AWURADE bɛko ama mo, na mo deɛ, monyɛ komm!
15Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Adɛn na wosu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfoɔ ma wɔnkɔ wɔn anim. 16Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini. 17#Eks 14.4 Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so, 18na Misraimfoɔ no ahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mahyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so.
19 # Eks 13.21 Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi, 20na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.
21Na Mose tenee ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apueeɛ mframa denden maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdanee po no maa no yɛɛ asase pɛsɛɛ, na nsuo no mu baee. 22#Yos 4.23; Yes 11.15-16; 1 Ko 10.1; Heb 11.29 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.
23 # Eks 15.19 Na Misraimfoɔ tii wɔn, na wɔdii wɔn akyiri kɔɔ ɛpo no mfimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ nyinaa. 24#Dwom 34.16; 104.32 Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn, 25#Eks 14.14; Dwom 64.9 na ɔhwinhwan wɔn nteaseɛnam nan maa ne nanteɛ mu yɛɛ du. Na Misraimfoɔ no se: Momma yɛnnwane wɔ Israel anim, ɛfiri sɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn. 26Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa ɛpo no so, na nsuo no nsane mmra Misraimfoɔ ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfoɔ no so. 27Ɛnna Mose tenee ne nsa ɛpo no soɔ, na adeɛ rekye anɔpa no, ɛpo no sanee n’akyi bɛsenee sɛdeɛ na ɛteɛ, na Misraimfoɔ no dwane bɛhyiae. Na AWURADE kaa wɔn guu po no mfimfini. 28Na nsuo no sanee akyire bɛkataa Farao dɔm, nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ a wɔtii wɔn baa ɛpo no mu no nyinaa so, wɔn mu baako mpo anka. 29#Eks 14.22 Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum. 30Na AWURADE gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano. 31#Eks 19.9; 2 Be 20.20 Na Israel hunuu nsa kɛseɛ a AWURADE de kyerɛɛ Misraim soɔ no, na ɔman no suroo AWURADE, na wɔgyee AWURADE ne n’akoa Mose diiɛ.

Currently Selected:

Eksodɔs 14: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in