YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 10:21-23

Eksodɔs 10:21-23 ASWDC

Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie. Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ.