1
Adiyisɛm 9:20-21
KYERƐW KRONKRON
Na nnipa a aka a wɔankum wɔn wɔ ɔhaw horow yi mu no ansakra wɔn adwene amfi wɔn nsa ano nnwuma ho, sɛ wɔrensɔre ahonhommɔne ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne abo ne duaahoni a enhu ade na ɛnte asɛm nanso entumi nnantew. Na wɔansakra wɔn adwene amfi wɔn awudi ne wɔn aduto ne wɔn aguamammɔ ne wɔn korɔno ho.
Compare
Explore Adiyisɛm 9:20-21
2
Adiyisɛm 9:3-4
Na mmoadabi fii wusiw no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi a ɛsɛe asase so nkekantwɛre tumi. Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asase so nwura anaa ahaban momono biara anaa dua biara, gye nnipa a wonni Nyankopɔn nsɔano wɔn moma so no nko.
Explore Adiyisɛm 9:3-4
3
Adiyisɛm 9:1
Na ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛnn ne torobɛnto. Na mihuu nsoromma bi a efi soro atɔ asase so, na wɔde ebun abura ano safe maa no.
Explore Adiyisɛm 9:1
4
Adiyisɛm 9:5
Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wonnkum wɔn, na mmom wɔnhaw wɔn asram anum. Na wɔn haw no te sɛ nkekantwɛre a ɔka onipa bi de.
Explore Adiyisɛm 9:5
5
Adiyisɛm 9:11
Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bun no mu bɔfo a wɔfrɛ ne din Hebri kasa mu sɛ: Abadon, na Hela kasa mu de, ɛde Apolion.
Explore Adiyisɛm 9:11
Home
Bible
Plans
Videos