Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwenenwene wo yam, na w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo. Na migyee nhoma ketewa no ɔbɔfo no nsam memenee, na ɛyɛɛ fremfrem m’anom sɛ ɛwo, na miwiee di no, ɛyɛɛ nwenenwene wɔ me yam.