Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma. Na tɛkrɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.