Asomafo 2:46-47
Asomafo 2:46-47 RATB
Na daa wɔde koma koro hyia mu wɔ asɔrefi, na wobubuu abodoo afi mu de ahosan ne koma kronn dii wɔn aduan, na woyii Nyankopɔn ayɛ, na wɔwɔ anuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.