1
1 Mose 49:10
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Ahempema remfi Yuda nsam, na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam, kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.
Compare
Explore 1 Mose 49:10
2
1 Mose 49:22-23
“Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba, a esi asuten ho, na ne mman tra afasu. Agyantowfo kaa no hyɛe, de abufuw tow hyɛɛ ne so.
Explore 1 Mose 49:22-23
3
1 Mose 49:24-25
Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no; esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no; Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo; nhyira a efi asase ase pɛɛ; nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.
Explore 1 Mose 49:24-25
4
1 Mose 49:8-9
“Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa. Wʼagya mmabarima bɛkotow wo. Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfo nam awie. Wote sɛ gyata a wabutuw. Hena na obetumi akɔka no?
Explore 1 Mose 49:8-9
5
1 Mose 49:3-4
“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɛboro anuonyam ne tumi so. Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae, de guu mʼanim ase.
Explore 1 Mose 49:3-4
Home
Bible
Plans
Videos