Ohyiraa Yosef se,
“Onyankopɔn a mʼagyanom
Abraham ne Isak nantew nʼanim,
ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo
de besi nnɛ no,
ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no,
onhyira saa mmarimaa yi.
Wɔmfa me din ne mʼagyanom,
Abraham ne Isak din ntoto wɔn,
na wɔn ase mfɛe
wɔ asase so.”