1
2 Mose 4:11-12
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AWURADE bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me AWURADE na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”
Compare
Explore 2 Mose 4:11-12
2
2 Mose 4:10
Nanso Mose srɛe se, “AWURADE, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”
Explore 2 Mose 4:10
3
2 Mose 4:14
AWURADE bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye.
Explore 2 Mose 4:14
Home
Bible
Plans
Videos