AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Mahu amanehunu a me manfo a wɔwɔ Misraim no wɔ mu no, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na minim wɔn ahohia. Maba sɛ merebegye wɔn afi Misraimfo nsam na mayi wɔn afi Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa a ɛso bae so, asase a ɛwo ne nufusu wɔ so; asase a Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo te so no so.