1
2 Beresosɛm 20:15
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea AWURADE se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.
Compare
Explore 2 Beresosɛm 20:15
2
2 Beresosɛm 20:17
Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ AWURADE nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na AWURADE ka mo ho.”
Explore 2 Beresosɛm 20:17
3
2 Beresosɛm 20:12
Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.”
Explore 2 Beresosɛm 20:12
4
2 Beresosɛm 20:21
Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma AWURADE, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni: “Monna AWURADE ase na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
Explore 2 Beresosɛm 20:21
5
2 Beresosɛm 20:22
Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, AWURADE maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe.
Explore 2 Beresosɛm 20:22
6
2 Beresosɛm 20:3
Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa AWURADE hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada.
Explore 2 Beresosɛm 20:3
7
2 Beresosɛm 20:9
Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’
Explore 2 Beresosɛm 20:9
8
2 Beresosɛm 20:16
Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba.
Explore 2 Beresosɛm 20:16
9
2 Beresosɛm 20:4
Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ AWURADE.
Explore 2 Beresosɛm 20:4
Home
Bible
Plans
Videos