2 Beresosɛm 20:21
2 Beresosɛm 20:21 AKNA
Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma AWURADE, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni: “Monna AWURADE ase na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”