Luka 15
15
Dwane a wayera ho mfantoho
(Mateo 18:12-14)
1Na togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ nyinaa twi bɛnee Yesu sɛ beebetie no. 2#Luk 5:30 Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.” 3Nti ɔyɔɔ mfantoho bi kyerɛɛ bɛ sɛ: 4#Hes 34:11; 34:16; Luk 19:10 “Ho mu hwane ne wɔ nwane ha, na mu baako yera a, onnya aduɔkron nkron he serɛ so nkɔhwehwɛ nea wayera he nkosi sɛ obehu no? 5Na berɛ a wahu no he, ɔde no bɔ ne kɔno ho na odi ahurusie. 6Na oduru fie a ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamfoɔ boa ano ka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwane a ɔyeraeɛ he.’ 7Nti meeka akyerɛ ho sɛ anigye pii bɛba soro debɔneyɛfoɔ baako a wasakra ho kyɛne ateneneefoɔ aduɔkron nkron a benhia adwensakra.
Dwetɛbena a ayera he ho mfantoho
8“Anaa baa hwane ne wɔ dwetɛbena du na sɛ dwetɛbena baako yera a, ɔnsɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkosi sɛ obehu? 9Na sɛ ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfoɔ mmaa ne n’afipamfoɔ boa ano ka sɛ, ‘Ho ne me nni ahurusie, efiri sɛ mahu me dwetɛbena a ɔyeraeɛ he.’ 10#Efe 3:10 Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”
Agya a ɔdɔ ne ba ho mfantoho
11Afei ɔkaa sɛ, “Na beema bi wɔ mma mmienu. 12Na bɛ mu kumaa he ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Papa, fa w’agyapadeɛ he fã a ɔyɛ me deɛ ma me.’ Nti ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa bɛ. 13#Mmb 29:3 Na nna kakraa bi akyi he, ba kumaa he boaboaa nnoɔma he nyinaa ano na otuu kwane kɔɔ akyirikyiri mane bi so, na okobuu akohwibra de sɛee n’agyapadeɛ he nyinaa. 14Berɛ a ɔhweree ne nyinaa he, kɔm kɛseɛ bi sii mane he mu baabiaa, na ne ho firii aseɛ kyere no. 15Afei ɔde ne ho kɔdanee mane he muni baako, na ɔde no kɔɔ n’asaase so sɛ ɔnkɔhwɛ ne mprako. 16#Mmb 23:21 Na ne kɔno dɔɔ sɛ ɔde aduane a mprako di he bi bɛhyɛ ne yafunu mã, nso biaa amma no hwee. 17“Berɛ a n’ani baa ne ho so he, ɔkaa sɛ, ‘Me papa apaafoɔ he mu deɛ ɔya he ne nnya aduane mma ne mmu so a mete ha yi a kɔm ooku me yi! 18#Yer 3:12-13; Dwom 51:4 Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛne akɔka akyerɛ no sɛ, “Papa, maayɔ soro ne wo anim bɔne. 19Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ he mu baako.” ’
20Nti ɔsɔre sii kwane so sɛ ɔɔkɔ ne papa nkyɛne. Berɛ a ɔda soaa ya akyirikyiri he, ne papa huu no, na ne yam hyehyee no maa ne ba he, na otuu mmirika kɔsɔɔ ne mu yɔɔ no atuu. 21Afei ne ba he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Papa, maayɔ soro ne wo anim bɔne. Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. 22Na papa he ka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Honyɔ ntɛm, mfa ataadeɛ a odi mu mmra mmɛhyɛ no, na homfa petea nhyɛ ne nsa na homfa mpaboa nhyɛ no. 23Na homfa nantwie kumaa a wadɔre sradeɛ mmra mmeku no mma yenni na yɛnnye yɛ ani, 24#Efe 2:1; 2:5; 5:14 efiri sɛ me ba yi wuiɛ na wasane aba nkwa mu; ɔyeraeɛ na maahu no.’ Na befirii aseɛ gyee bɛ ani.
25“Saa berɛ yi na ne ba panyini he ya mfuom; na ɔɔba a ɔbɛne fie he ɔtee sɛ nnwom ne asa ɔɔkɔ so. 26Nti ɔfrɛɛ nkoa he mu baako na obisaa no nea ɔɔkɔ so. 27Akoa he buaa no sɛ, ‘Wo nua kumaa he aba, na wo papa aku nantwie kumaa a wadɔre sradeɛ, efiri sɛ ne nsa aka no bio a ɔwɔ nkwa mu.’ 28#Luk 15:2 Na ne bo fuu paa, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie. Afei ne papa pie bɛkorɔkrɔɔ no. 29Obuaa ne papa sɛ, ‘Maasom wo mfie bebree, na memmuu wo mmara so da, nso wommaa me abirekyie ba mpo sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛ ani da. 30Nso wo ba yi a ɔne nwamanfoɔ adi wo ahodeɛ baeɛaa pɛ, woaku nantwie ba a wadɔre sradeɛ ama no.’ 31Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, woya me nkyɛne berɛ nyinaa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo deɛ; 32nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”
Избрани в момента:
Luka 15: BBTP
Маркирай стих
Споделяне
Копиране
![None](/_next/image?url=https%3A%2F%2Fimageproxy.youversionapi.com%2F58%2Fhttps%3A%2F%2Fweb-assets.youversion.com%2Fapp-icons%2Fbg.png&w=128&q=75)
Искате ли вашите акценти да бъдат запазени на всички ваши устройства? Регистрирайте се или влезте
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021