Лого на YouVersion
Иконка за търсене

Gyenesis 4

4
Kain ne Habel
1Na Adam ne ne yere Hawa hyiae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Kain, na ɔkae se: AWURADE adaworoma, manya ɔbarima. 2Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo. 3Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ. 4#Heb 11.4 Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no, 5nanso Kain ne n'ayɛyɛde de, n'ani ansɔ. Na Kain bo fuwii pii, na omunae. 6Na AWURADE bisaa Kain sɛ ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? 7Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.
8 # Mat 23.35; Luka 11.51; 1 Yoh 3.12 Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no. 9Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na Kain buae sɛ: Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa? 10#Heb 12.24 Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so. 11Na afei wɔadome wo afi asase a abue n'ano agye wo nua mogya afi wo nsam no so. 12Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so. 13Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so ade so kyɛn sɛ metumi masoa. 14#Hiob 14.20-22 Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w'anim, na mayɛ ɔsesafo ne ɔkobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me. 15Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a obekum Kain no, wobedi ne were ahorow asɔn. Na AWURADE yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain, na obiara a obehu no no ankum no. 16Na Kain fii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei.
Kain Asefo
17Na Kain ne ne yere Hawa dae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Enok. Na ɔkyekyeree kurow bi, na ɔde ne ba Enok din too kurow no. 18Na wɔwoo Irad maa Enok, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
Lamek ne ne yerenom
19Na Lamek faa mmea baanu waree, obiako din de Ada, na nea ɔka ho no din de Sila. 20Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntamadan mu ne mmoa ho tenafo agya. 21Na ne nua din de Yubal, ɔno na ɔyɛ asankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo nyinaa agya. 22Na Sila nso woo Tubal-kain a ɔyɛ kɔbere mfrafrae ne dade ade nyinaa atomfo agya. Na Tubal-kain ne nuabea ne Naama. 23Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ:
Ada ne Sila, muntie me nne;
Lamek yerenom, monyɛ aso mma m'asɛm:
Mikum aberante bi sɛ opiraa me,
na mikum aberante sɛ ɔboroo me.
24 # Mat 18.22 Na sɛ wodi Kain so were mpɛn ason a,
Lamek de bɛyɛ aduɔsɔn asɔn.
Set ne Enos awo
25Na Adam ne ne yere dae bio, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Set a ase ne: Nsiananmu, sɛ Onyankopɔn de ɔba foforo asi me Habel a Kain kum no no anan mu.
26Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.

Избрани в момента:

Gyenesis 4: RATB

Маркирай стих

Споделяне

Копиране

None

Искате ли вашите акценти да бъдат запазени на всички ваши устройства? Регистрирайте се или влезте

YouVersion използва бисквитки, за да персонализира Вашето преживяване. Като използвате нашия уебсайт, Вие приемате използването на бисквитки, както е описано в нашата Политика за поверителност