የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Marko NNIANIMU

NNIANIMU
Asɛmpa a Marko twerɛ maeɛ he, asɛm a ɔde hyɛɛ aseɛ ne sɛ, “Yesu Kristo, Nyankopɔn Ba he ho asɛmpa he.” Mfonyini a Marko twa fa Yesu ho ne sɛ ɔyɛ nipa a ɔbɔ ne ho mmɔdene paa na ɔwɔ tumi nso. Ne tumi da adi ne nkyerɛkyeremu, na ɔda adi nso ahonhommɔne so, ne bɔne a otumi de kyɛ mu. Marko asɛmpa mu he, Yesu da ne ho adi sɛ Nipa Ba he a ɔde ne nkwa maeɛ de gyee nnipa firii bɛ bɔne mu.
Marko bɔ Yesu ho asɛm he tɔfa, na ɔkasa pii fa nnoɔma a Yesu yɔeɛ ho kyɛne nsɛm a Yesu kaeɛ ne ne nkyerɛkyerɛɛ he. Ɔhyɛɛ aseɛ kaa Suboni Yohane ho asɛm, Yesu asubɔ, ne sɔhwɛ ɔne Yesu dwumadie a ɔfa ayaresa ne nkyerɛkyerɛ ho. Ti a otwa toɔ he ka nsɛm a osisiiɛ Yesu amanehunu nnawɔtwe ne titire ne wuo. Ti a otwa toɔ yiaa nso kasa fa ne wusɔreɛ ho.
Asɛmpa he awie yɛ mmienu, nea ɔya nkahyemdeɛ adeɛ mmienu mu he (16:9-20), nnipa bebree adwene ne sɛ, nipa foforɔ bi ne twerɛeɛ na mmom ɔnyɛ Marko ne twerɛeɛ.
MU NSƐM
Asɛmpa he mfitiaseɛ 1:1-13
Yesu som adwuma ya Galilea abɔntene so 1:14—9:50
Yesu firi Galilea ɔɔkɔ Yerusalem 10:1-52
Yesu bɛnee Yerusalem ne nnanwɔtwe a odi akyire a odii ya hɔ 11:1—15:47
Yesu wusɔreɛ he 16:1-8
Awurade a wasɔre he ahoyie ne ne sorokɔ 16:9-20

Currently Selected:

Marko NNIANIMU: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ