የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Marko 15

15
Bɛde Yesu kogyinaa Pilato anim
(Mateo 27:1-2, 11-14; Luka 23:1-5; Yohane 18:28-38)
1Na afei, adeɛ kyee anɔpa tutuutu he, asɔfoɔ mpayimfoɔ, mane he mu mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne abadwafoɔ he nyinaa tuu agyina. Bɛkyekyeree Yesu de no kɔeɛ na bɛde no kɔhyɛɛ Pilato nsa. 2Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ hene he?” Oyii no ano sɛ, “Yoo! Wone wooka.” 3Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ he de nsɛm bebree too Yesu so. 4Pilato bisaa no bio sɛ, “Wonni anoyie biaa’? Hwɛ nsɛm ahodoɔ a bɛde ɔɔto wo so.” 5#Mar 14:61; Yes 53:7 Nso Yesu amma mmuaeɛ biaa, na yei yɛɛ Pilato nwanwa.
Pilato de Yesu maa sɛ bɛmmɔ no asennuam
6Na oduru afahyɛ so a Pilato yi deduani a bebebisa no de no ma bɛ. 7Na beema bi a bɛfrɛ no Baraba ne amammɔfoɔ a bɛnam atuateɛ so dii awu gu afiase hɔ. 8Nti nnipadɔm he baeɛ, na bɛka kyerɛɛ Pilato sɛ ɔnyɛ mma bɛ sɛdeɛ daa ɔyɔ he. 9Na Pilato bisaa bɛ sɛ, “Hopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene he ma ho anaa?” 10#Yoh 11:48 Ná onim sɛ ahoɔyea nti ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ de yii no maeɛ. 11Nso asɔfoɔ mpanyimfoɔ he tutu guu nnipadɔm he asom sɛ onyi Baraba mmom. 12Pilato bisaa bɛ bio sɛ, “Hedeɛ mmɛ ne hopɛ sɛ memfa nyɔ beema he a hofrɛ no Yudafoɔ hene he?” 13Bɛteaam sɛ, “Bɔ no asennua mu!” 14Pilato bisaa bɛ sɛ, “Abɛ bɔne ne waayɔ?” Na bɛteaam kɛse paa sɛ, “Bɔ no asennua mu!” 15Na ɔnam sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔyɛ nea nnipadɔm he pɛ nti, oyii Baraba maa bɛ, na bɛhwee Yesu wieeɛ he ɔde no maa bɛ sɛ bɛmɔ no asennua mu.
Asraafoɔ he dii Yesu ho fɛw
16Afei asraafoɔ he de no firii hɔ kɔɔ adi hɔ (Ammrado abankɛseɛ mu hɔ), na bɛfrɛɛ asrafokuo he nyinaa hyiaeɛ. 17Na bɛde ataade kɔkɔɔ hyɛɛ no, na bɛde nkasɛe yɔɔ kyɛ hyɛɛ no. 18Na befirii aseɛ kyeaa no sɛ, “Yudafoɔ hene yɛma wo amo!” 19Bɛde demmire hwee ne tim, too ntasuo guu ne so, na bebuu nkotodwe kotõõ no.
20Bedii ne ho fɛw wieeɛ he, bɛworɔɔ ataadeɛ kɔkɔɔ he de ɔnoaa n’ataadeɛ hyɛɛ no. Na bɛde no kɔɔ sɛ bɛɛkɔbɔ no asennuam.
Bɛbɔɔ Yesu Asennuam
(Mateo 27:31-56; Luka 23:26-49; Yohane 19:16-30)
21 # Rom 16:13 Na bɛhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofiri baabi ootwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa, sɛ ɔnsoa n’asennua he. 22Afei bɛde Yesu baa bea bi a bɛfrɛ no Golgota (a asekyerɛ ne Tikankuro). 23#Dwom 69:21 Na bɛde bobesa a bɛde aduhwam afra mu maa no; nso wannom. 24#Dwom 22:18 Na bɛbɔɔ no asennuam, na bɛkyekyɛɛ ne ntoma mu, na bɛtwee so ntonto de huu nea otwa sɛ biaa nya.
25Afei berɛ a na aabɔ anɔpa nnɔn nkron he bɛbɔɔ no asennuam. 26Na bɛatwerɛɛ ne soboɔ bɔɔ n’atifi sɛ, “Yudafoɔ hene” 27Na bɛbɔɔ ɔne akwamukafoɔ mmienu asennuam, baako ya ne nifa ne baako ya ne benkum. 28#Yes 53:12 [Na twerɛ he baa mu sɛ, “Bɛkanee no fraa mmaratofoɔ.] 29#Mar 14:58 Na bɛwosoo bɛ ti kaa sɛ, “Mhõõ! Wo a wosɛe asɔredane na wode nnansa si, 30gye wo ho na si firi asennua he so ɛ!” 31Saa ne asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ dii ne ho fɛw kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Ɔgye afoforɔ, nso ontumi nnye ne ho. 32#Mat 16:1; 16:4 Ma Kristo he, Israel Hene he nsiane mfiri asennua he so sɛdeɛ ɔbɛyɔ a yebehu na yɛagye adi.” Bɛ a bɛbɔɔ bɛ ne no asennua mu he nso huruu no.
Yesu wuo
33Na oduruu awigyina he, sum duruu asaase nyinaa so, kosii nnɔn mmeɛnsa. 34#Dwom 22:1 Nnɔn mmeɛnsa duruiɛ he, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Asekyerɛ ne, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, mmɛ nti ne woapo me?” 35Bɛ a begyina hɔ he bi teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Hontie, ɔɔfrɛ Elia.” 36Afei bi tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka mu, de hyɛɛ abaa so de maa no sɛ ɔnnom, kaa sɛ, “Hontwɛne mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam a.” 37Afei Yesu teaam dendenndene, na ogyaam. 38Na asɔredane he mu ntwamtam he tee mmienu firii soro kosii aseɛ. 39Afei berɛ a asraafoɔ ha so panyini a na ogyina hɔ a na n’ani tua no he, huu kwane a ɔfaa so gyaam he, ɔkaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, nipa yi yɛ Nyankopɔn Ba!”
40 # Luk 8:2, 3 Ná mmaa bi nso gyina akyirikyiri ɔɔhwɛ, bemu bi ne Maria Magdalene ne Yakoko a ɔyɛ kumaa ne Yose maame Maria Salome. 41Berɛ a na ɔya Galilea he, na saa nnipa yi taa di n’akyi som no, afei nso na mmaa foforɔ binom gyina hɔ ɔɔhwɛ nea ɔɔkɔ so he a na bedi Yesu akyi aba Yerusalem.
Besiee Yesu amu
(Mateo 27:56-61; Luka 23:50-55; Yohane 19:38-42)
42Afei nwunu dwoeɛ, na esiane sɛ na saa da he yɛ ahosiesie da, kyerɛ sɛ, ɔyɛ da a odi homeda anim nti, 43Yosef a ofiri Arimatea, na odi mu badwa he mu a na ɔno nso ɔɔhwɛ Nyankopɔn ahennie he kwane, de akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ no Yesu amu he. 44Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa sɛ waawu anaa, nti ɔkɔfrɛɛ sraani panyini he, bisaa no sɛ waawu dada anaa. 45Na afei ɔte firii sraani panyini he hɔ sɛ waawu he, ɔde amu he ma Yosef. 46Na Yosef kɔtɔɔ nwera pa, na oyii no too hɔ de nwera pa he kyekyeree no, na ɔde no too nna a bɛatwa no botane he mu. Na afei omunii boɔ de too nna he ano. 47Nso Maria Magdalene ne Yose maame Maria kɔɔ so hwɛɛ faako a bɛde no toeɛ.

Currently Selected:

Marko 15: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ