የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Marko 12

12
Mfantoho a ɔfa hwɛsofoɔ timɔdenfoɔ binom ho
(Mateo 21:33-46; Luka 20:9-19)
1 # Yes 5:1-2 Afei Yesu firii aseɛ de mfantoho kasa kyerɛɛ bɛ sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo, gyee ho hyiaeɛ, tuu nsa-kyi-amena, na osii awɛmfoɔ dane; afei ɔde turo he hyɛɛ ahwɛfoɔ nsa, na otuu kwane kɔɔ kuro foforɔ so. 2Afei twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa akoa bi kɔɔ ahwɛfoɔ he hɔ sɛ, ɔnkɔgyegye ne kyɛfa a ɔya bobe turo he mu nnɔbae he mmra. 3Nso bɛkyee no boroo no, na bɛpamoo no maa ɔkɔɔ nsapan. 4Na ɔsomaa akoa foforɔ kɔɔ bɛ nkyɛne; yei nso bɛbobɔɔ ne ti ho piraa no, na bedidii no atɛm. 5Na ɔsomaa foforɔ, na ɔno nso bekuu no. Saa ne ɔsomaa afoforɔ bebree; na bɛboroo binom na bekuu binom nso. 6Na aaka nipa baako a na ɔyɛ ne dɔ ba. Ɔno ne nea otwa toɔ a ɔsomaa no kɔɔ bɛ nkyɛne kaa sɛ, ‘Bɛde anidie bɛma me ba beema yi.’ 7Nso ahwɛfoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Ehẽẽ! Deɛ obedidi adeɛ he di; hommra ma yenku no, na agyapadeɛ he abɛyɛ yɛ deɛ.’ 8#Heb 13:12 Nti bɛkyee no, kuu no, na bɛtoo no twenee bobe turo he akyi. 9Nea bɛayɔ yi hosusu sɛ mmɛ ne bobe turo wura he de bɛyɔ bɛ? Ɔbɛba abɛsɛe ahwɛfoɔ he, na ɔde bobe turo he ahyɛ nnipa foforɔ nsa. 10#Dwom 118:22, 23 Nti, honnkenkanee atwerɛ yi da:
‘Boɔ a adansifoɔ he poeɛ he
abɛyɛ tweasotiboɔ titire;
11Awurade ne ayɔ ne saa
na ɔyɛ yɛ ani so nwanwa’?”
12Berɛ a behuu sɛ ɔyɔɔ saa mfantoho yi tiaa bɛ he, bɛpɛɛ sɛ bɛbɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he. Nti bɛgyae no, na bɛkɔeɛ.
Toɔ tua ho asemmisa
(Mateo 22:15-22; Luka 20:20-26)
13 # Mar 3:6 Na afei bɛsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi ne nkyɛne sɛ benkosum no fidie ne kasaa mu. 14Na bɛba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woka nɔkorɛ, na wonyɛ nyiyimu, efiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim mmu ntɛnkyea, na mmom wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorem. Ɔyɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa ɔnyɛ? 15Yentua anaa yenntua?” Na onim bɛ nyaatwom nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hoosɔ me ahwɛ? Hommra me denare baako na menhwɛ.” 16Na bɛde baako baeɛ. Na obisaa bɛ sɛ, “Hwane ti ne da so yi, na hwane abodini ne da so yi?” Bebuaa sɛ, “Kaesare deɛ.” 17#Rom 13:7 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa nea ɔyɛ Kaesare deɛ mma Kaesare, na hommfa nea ɔyɛ Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.” Na ne ho yɛɛ bɛ nwanwa paa.
Wusɔreɛ ho asemmisa
18Sadukifoɔ a bɛ gyidie kyerɛ bɛ sɛ wusɔreɛ nni hɔ he mu binom baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, 19#Deut 25:5-6 “Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛ sɛ, ‘sɛ beema bi nua wu gya ne yerɛ, ná onni ba a, beema he nware kunafoɔ he ná ɔnwo mma mma ne nua he.’ 20Anuanom nson bi tenaa ase; nea odi kane he wareeɛ na owuiɛ he na onni mma. 21Na afei nea ɔtɔ so mmienu he waree baa he, na owuiɛ a na ɔno nso nni mma; na nea ɔtɔ so mmeɛnsa he nso saa. 22Nnipa nson he nyinaa waree no, na wannya mma. Awieeɛ koraa he, baa he ankasa nso wuiɛ. 23Sɛ ɔkɔ ba saa a, wusɔreɛ he mu he, baa he bɛyɛ hwane yerɛ? Efiri sɛ nnipa nson he nyinaa aware no.”
24Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi te ne honte aseɛ yie. Honnim atwerɛ he, na honnim Nyankopɔn tumi nso; 25efiri sɛ, wusɔreɛ akyi he nnipa ɔnware, na bɛmmfa biaa mma awareɛ, na mmom nnipa ɔnware, sɛnea soro abɔfoɔ nso nware he. 26#Eks 3:2, 6 Na ɔfa awufoɔ sɔreeɛ ho he, honnkenkaneɛ ya Mose nwoma he mu, asɛm a ofiri nkyɛkyerɛ he mu baaa Mose nkyɛne a Nyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakobo Nyankopɔn’? 27Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn; hoamane koraa.”
Ahyɛdeɛ a odi kane
28Atwerɛfoɔ he mu baako twe bɛnee hɔ, na ɔtee sɛ bɛɛgye bɛ ho bɛ ho akyinnye, na ohuu sɛ wabua bɛ yie he, obisaa no sɛ, “Ahyɛdeɛ mɛneɛ ne di ne nyinaa kane?” 29#Deut 6:4-5 Na Yesu buaa no sɛ, “Nea odi kane ne sɛ, ‘Tie, O Israel; Awurade yɛ yɛ Nyankopɔn, Awurade yɛ baako, 30fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’adwene nyinaa, ne w’ahoɔdene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn.’ 31#Lew 19:18 Nea ɔtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ahyɛdeɛ biaa nni hɔ a ɔkyɛne yeinom.” 32Na atwerɛfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Wabua no yie, Kyerɛkyerɛfoɔ, woaka no nɔkorem sɛ, ‘Awurade yɛ baako, na n’akyi biaa nni hɔ’; 33#1 Sa 15:22 ɔne sɛ yɛde yɛ akoma nyinaa, ne yɛ adwene nyinaa, ne yɛ ahoɔdene nyinaa bɛdɔ Awurade, na afei nso bi bɛdɔ ne yɔnko sɛ ne ho—yei ho hia kyɛne hyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ ahodoɔ nyinaa.” 34#Aso 26:27-29 Berɛ a Yesu huu sɛ wabua no yie he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne Nyankopɔn ahennie he mu ntwe koraa.” Yei akyi he, biaa antumi ammisa no asɛm biaa bio.
Asemmisa a ɔfa Dawid ba ho
35Berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, obisaa sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he kaa sɛ Kristo he yɛ Dawid ba? 36#Dwom 110:1; 2 Sa 23:2 Dawid heaa nam Honhom Kronkron so paem kaa sɛ,
‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ,
“Tena me nsa nifa so,
kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛhyɛ wo nane ase.” ’
37Sɛ Dawid he ankasa frɛɛ no Awurade a, ɔbɛyɛ dɛ na wayɛ ne ba?” Na nnipadɔm he de anigyeɛ tiee no.
Atwerɛfoɔ ho Kɔkɔbɔ
38Ɔɔkyerɛkyerɛ he ɔkaa sɛ, “Honhwɛ ho ho yie atwerɛfoɔ he ho, bɛ a bɛpɛ sɛ bɛde ntaadeɛ atentene nenam, sɛ bɛde anidie bɛkyea bɛ dwa so, 39na bɛbɛtena nkonnwa papa so hyia adane mu, ne nkonnwa a ɔya anim ne mpanyini tenabea ya apontoɔ ase! 40Bɛde apoobɔ fa akunafoɔ agyapadeɛ nyinaa, na bɛbɔ mpaeɛ tentene sɛ nnipa behu bɛ. Yei nti, bebenya afobuo kɛseɛ.”
Baa Kunafoɔ Hiani he Afɔrebɔ
41 # 2 Ah 12:9 Ɔtenaa ase baabi a na n’ani hwɛ fotobea hɔ, na ɔhwɛɛ nnipadɔm he sɛ bɛde sika oogu fotoɔ he mu. Adefoɔ bebree de sika pii guu mu. 42Nso baa kunafoɔ hiani bi deɛ ɔde nkaprɛ mma mmienu a ɔnsom bo biaa beguu mu. 43Afei ɔfrɛɛ n’asuafoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, baa kunani hiani yi de nea ɔkyɛne biaa deɛ ne abɛto fotoɔ yi mu, 44#2 Ko 8:12 efiri sɛ, nnipa yi nyinaa firi nea bɛanya ama abu so mu ne ayi bi aba, na ɔno deɛ, ofiri ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenadeɛ nyinaa, abegu mu.”

Currently Selected:

Marko 12: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ