የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 24

24
Asɔrefie sɛeɛ ho nkɔmhyɛ
(Marko 13; Luka 21:5-36)
1Na Yesu firii asɔredane mu a na ɔɔkɔ he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkyerɛɛ no asɔrefie he mu adane ahodoɔ. 2#Luk 19:44 Obisaa bɛ sɛ, “Hoahu yeinom nyinaa anaa? Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, bennya boɔ baako mpo mma ɔnka a benwiri ngu.”
Awieeɛ mmerɛ ho nsɛnkyerɛnne
3Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?” 4Yesu buaa bɛ sɛ, “Honhwɛ yie na bi annaadaa ho. 5#Mat 24:24; Aso 5:36-37; 1 Yoh 2:18 Efiri sɛ bebree bɛba me dini mu, abɛka sɛ, ‘Me ne Kristo he,’ na bɛbɛdaadaa nnipa bebree. 6Na hobɛte ko ne akosɛm; honhwɛ yie na ho akoma antu; efiri sɛ otwa sɛ yeinom nyinaa ba, nso na awieeɛ he nya mmaeɛ. 7Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie bɛsɔre atia ahennie, kɔm bɛba na asaase wosoɔ nso bɛba baabi bebree. 8Na yeinom nyinaa te sɛ awoko yea mfitiaseɛ.
Taa ho nkɔmhyɛ
9 # Mat 10:17; 10:22; Yoh 16:2 “Saa mmerɛ he bebeyi ho ama sɛ bɛmfa homfa ahohiahia mu, na bɛaku ho, na me dini nti amane nyinaa bɛtane ho. 10Na bebree bɛpa bɛ gyidie, na bebeyiyi bɛ ho bɛ ho ama na bɛatentane bɛ ho bɛ ho. 11#Mat 7:15; 1 Yoh 4:1 Na atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre abɛdaadaa nnipa bebree. 12#2 Te 2:10; 2 Ti 3:1-5 Na ɔnam sɛ amumuyɔ bɛdɔɔso nti, bebree dɔ ano bɛdwo. 13#Mat 10:22; Adi 2:10 Na nipa a obegyina akosi awieeɛ he deɛ, bɛbɛgye no nkwa. 14#Mat 28:19; 10:18 Na bɛbɛka ahennie yi ho asɛmpa ya amane nyinaa mu, de adi adanseɛ ama amanamane nyinaa; yei akyi ansa na awieeɛ he aba.
Akyiwadeɛ a ɔbɔ mane
15 # Dan 9:26-27; 12:11 “Nti sɛ hohu sɛ akyiwadeɛ a ɔbɔ mane he gyina kronkronbea hɔ a, sɛdeɛ diyifoɔ Daniel kaeɛ he a (otwa sɛ deɛ ɔkenkane he te aseɛ), 16hedeɛ bɛ a bɛya Yudea he nnwane nkɔ bepɔ so; 17#Luk 17:31 deɛ ɔya dane atifi he nnsiane nkɔfa bibi ne dane mu; 18deɛ ɔya afuom nsane mma fie mmɛfa ataadeɛ. 19Bɛ a bɛafa afuro ne bɛ a bɛma mma nofoɔ nnue saa da he! 20#Aso 1:12 Hommɔ mpaeɛ sɛ saa da yi ɔmma awɔ anaa sutɔberɛ anaa homeda. 21#Dan 12:1 Saa berɛ he ahokyerɛ kɛseɛ a ofiri wiase mfitiaseɛ besi nnɛ bi mmaa da na bi nso ɔmma bio bɛba. 22Sɛ bɛantwa saa nna he so a, biaa nni hɔ a obenya nkwa; nso bɛ a bɛayi bɛ he nti bebetwa nna he so tia. 23Na sɛ bi ka kyerɛ ho sɛ, ‘Hwɛ, Kristo he di!’ Anaa ‘Ɔya ha a!’ Honnnye nnni. 24#Mat 24:5; 24:11; Deut 13:1-3; 2 Te 2:8-9 Na kristo-atorɔfoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bebree bɛba abɛyɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ, de adaadaa binom, sɛ ɔbɛyɛ yie a bɛ a bɛayi bɛ he mpo nka bɛbɛdadaa bɛ. 25Honhyɛ no nso sɛ maaka akyerɛ ho dada. 26Nti, sɛ bɛka kyerɛ ho sɛ, ‘Hwɛ! Ɔya serɛ so a,’ honnkɔ. Sɛ bɛka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔya piem a,’ honnye nnni. 27#Luk 17:23-24 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apieɛ kɔ atɔeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he maeɛ mu. 28#Hiob 39:30; Hab 1:8; Luk 17:37 Baabi a funu ya he hɔ ne mpɛtɛ boa bɛ ano.
Nipa Ba he mmaeɛ
29 # Yes 13:10; 2 Pe 3:10 “Saa ahohiahia nna he akyi pɛ
awia bɛyɛ sum,
na bosome ɔnhyerɛn;
na nsoromma betutu afiri soro agu,
na soro ahoɔdenneɛ bɛwoso.
30 # Adi 1:7; Mat 26:64; Dan 7:13-14; Adi 19:11 Na Nipa Ba he ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi soro, na asaase so mmusuakuo nyinaa besu, na bebehu ‘Nipa Ba he sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ nam soro mununkum mu ɔɔba.’ 31#1 Ko 15:52; 1 Te 4:16; Adi 8:1-2 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama bɛde totorobɛnto nyegyeɛ a ano ɔdene aba; na bɛbɛboaboa bɛ a bɛayi bɛ he ano afiri wiase mframa nnan he mu, firi soro ano akosi ano.
Borɔdoma ho adesua
32“Honsua bibi mfiri borɔdoma ho: Sɛ ne mmane nya yɛ frɔmfrɔm na ooyiyi ahahane a, na honim sɛ ahuhuro berɛ abɛne. 33Saa ara nso ne sɛ hohu yeinom nyinaa a, honhu sɛ Kristo mmaeɛ he abɛne, ogyina pono ano. 34Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, awoɔntoatoasoɔ yi ontwam ansa na yeinom abam. 35#Mat 5:18Soro ne asaase betwam, nso me nsɛm deɛ, ontwam da.
Honwɛne
36 # 1 Te 5:1-2 “Nso saa da ne dɔnhwere he deɛ biaa nnim, soro abɔfoɔ, anaa Ɔba he mpo nnim, gye sɛ Agya he nkoaa. 37#Gye 6:11-13; Luk 17:26-27 Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ. 38#2 Pe 3:5-6 Saa mmerɛ he, ansa na nsuhyiri he ɔɔba he, nnipa didiiɛ, na bɛnomeeɛ, mmeema wareeɛ na bɛde maa maa awareɛ, kosii sɛ Noa wuraa adaka he mu. 39Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu. 40#Luk 17:35-36 Ɔte sɛ nnipa mmienu ya afuom; bɛbɛfa baako na bɛagya baako hɔ. 41Saa ara nso ne ɔte sɛ mmaa mmienu ɔɔyam wiyammoɔ so a; bɛbɛfa baako na bɛagya baako hɔ. 42#Mat 25:13 Saa nti ho nkɔ so nwɛne, efiri sɛ honnim da korɔ a ho Wura bɛba. 43#Luk 12:39-46 Honte aseɛ: Sɛ nka fiewura nim berɛ pɔtee dasuom a korɔmfoɔ bɛba a, nka ɔbɛnwɛne, na korɔmfoɔ annya kwane ammebu ne dane anwura mu. 44#Adi 16:15 Nti ho nso honna ho ho so, efiri sɛ dɔnhwere a ho ani nna so mu na Nipa Ba he bɛba.
Akoa nɔkwafoɔ ne akoa a onni nɔkorɛ
45“Afei, hwane ne akoa nɔkwafoɔ ne nyansafoɔ a, ne wura de no asi ne fie so, sɛ ɔma nkoa a bɛhyɛ n’ase aduane ne berɛ mu? 46Nhyira ne akoa a ne wura bɛba abehu no sɛ ɔɔyɔ saa. 47#Mat 25:21; 25:23 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, ɔbɛma saa akoa he adi n’agyapadeɛ nyinaa so. 48#Skf 8:11 Nso sɛ akoa timɔdenfoɔ he ka no ne tim sɛ, ‘Me wura akyɛre,’ 49na ofiri aseɛ boro nkoa a bɛhyɛ n’ase na ɔne nsaborofoɔ didi na bɛnom nsa a, 50ne wura he bɛba da korɔ a n’ani nna so ne dɔnhwere a onnim mu. 51#Mat 8:12 Obetwitwa ne mu na ɔde no aka nyaatwomfoɔ ho ya baabi a suu ne setwerɛ ya.

Currently Selected:

Mateo 24: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ