የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 18

18
Ahobrɛaseɛ ho nkyerɛkyerɛ
(Marko 9:33-47; Luka 9:46-48)
1Saa berɛ he asuafoɔ he baa Yesu nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hwane ne yɛ kɛseɛ soro ahennie mu?” 2Na ɔfrɛɛ abɔfra bi, na ɔde no gyinaa bɛ ntam, 3#Mat 19:14 na ɔkaa sɛ “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoanyɔ ho ho sɛ mmɔfra a, hontumi nhyɛne soro ahennie mu.
4Nipa biaa a ɔbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra he, ɔno ne deɛ ɔyɛ kɛseɛ paa soro ahennie mu.
5 # Mat 10:40 “Deɛ ɔgye abɔfra a ɔte sei baako me dini mu he, ɔgye me.
Sintiduatoɔ
6 # Luk 17:1-2 Sɛ ho mu bi to mmɔfra nketewa a bɛgye me di yi mu baako sintidua a, nsunsuansoɔ a ɔbɛba ne so he so kyɛne sɛ bɛde ayuyammoɔ bɛsɛne ne kɔno mu de no akɔto po bunu mu.
7“Wiase nnue, sintidua nti! Otwa sɛ sintidua toɔ ba, nso deɛ ɔnam ne so bɛba he, onnue! 8#Mat 5:29-30 Sɛ wo nsa anaa wo nane to wo sintidua a, twa firi hɔ, na to twene; ɔyɛ mma wo sɛ wode nsa sini anaa nane sini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nane mmienu na bɛbɛto wo ato daa amanehunu gya mu. 9Na sɛ w’ani to wo sintidua a, tu, na to twene; ɔyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ nkwam sene sɛ wowɔ ani mmienu na bɛbɛto wo atwene amanehunu gya mu.
Dwane a wayera ho mfantoho
(Luka 15:3-7)
10 # Heb 1:14 “Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa. 11#Mat 9:13; Luk 19:10 [Na Nipa Ba he baeɛ sɛ ɔɔbɛgye bɛ a bɛayera.]#18:11 Saa asɛm yi ya Tete ntwerɛe he bi mu. 12Hosusu yei ho sɛ? Sɛ dwanhwɛfoɔ bi wɔ nnwane ha, na sɛ baako yera a, onnyae aduokro-nkron he mmepɔ he so nkɔnhwehwɛ baako a wayera he anaa? 13Sɛ ohu no a, nɔkwasɛm ne sɛ, n’ani gye ne ho kyɛne aduokro-nkron a bɛanyera he. 14Saa ara nso ne ɔnyɛ ho Agya a ɔya soro he pɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
Sɛdeɛ beyi bi a w’ayɛ bɔne atɛne
15 # Lew 19:17; Luk 17:3; Gal 6:1 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ na kɔka ne mfomsoɔ kyerɛ no, berɛ a ho mmienu nkoaa hoahyia. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. 16#Deut 19:15 Na sɛ wanntie wo a, fa nipa baako anaa mmienu ka wo ho, na asɛm he nyina adansefoɔ mmienu anaa mmeɛnsa so. 17#1 Ko 5:13 Sɛ saa nipa he anntie bɛ a, ka kyerɛ asafo he; na sɛ saa nipa he antie asafo he nso a, fa no sɛ bi a ɔnnyɛ gyidini, na mmom togyeni. 18#Mat 16:19; Yoh 20:23 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, deɛ hobɛkyekyere no asaase so he yɛ deɛ bɛakyekyere no soro, na deɛ hobɛsane no asaase so he yɛ deɛ bɛasane no soro. 19#Mar 11:24 Bio, nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu mmienu yɛ anokorɔ adeɛ biaa a hobebisa no asaase yi so a, m’Agya a ɔya soro he bɛyɔ ama ho. 20#Mat 28:20 Baabi a nnipa mmienu anaa mmeɛnsa ahyia me dini mu he, na meka bɛ ho.”
Bɔnefakyɛ
21Na Petro baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Awurade, mprɛ dodoɔ sɛ ne me nua yɔ bɔne tia me a me mfa nkyɛ no? Onkoduru mprɛ nson?” 22#Luk 17:4 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Menka nkyerɛ wo sɛ, mprɛ nson, na mmom, onkosi mprɛ aduɔson mmɔho nson.
Akoa a onni bɔnefakyɛ he ho mfantoho
23“Ne saa nti bɛde soro ahennie he bɛtoto hene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu akonta ho. 24Berɛ a ɔhyɛɛ nkotabuo ase he, bɛde bi a ɔde no ka a ɔboro paani mfie dunnum akatua#18:24Paani mfie dunnum akatua gyina hɔ ma talente mpemdu. begyinaa n’anim; 25esiane sɛ ontumi ntua nti, ne wura he hyɛɛ sɛ bɛntɔno ɔne ne yerɛ ne ne mma ne n’agyapadeɛ nyinaa metua ka he. 26Ne saa nti akoa he buu nkotodwe hwee ase n’anim, srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na metua ne nyinaa.’ 27Na akoa he wura he nyaa tema maa no, na ogyaa no de ne ka he kyɛɛ no. 28Nso saa akoa korɔ heaa firii hɔ kɔeɛ he, ɔkɔtoo ne yɔnko akoa baako a ɔno nso de no ka bɛyɛ paani bosome mmeɛnsa ne fa akatua;#18:28Paani bosome mmeɛnsa ne fa akatua gyina hɔ ma denare ha. na ɔtintim no sɔɔ ne mene, na ɔkaa sɛ, ‘Tua ka a wode me he.’ 29Afei ne yɔnko akoa he de ne ho too fam srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na metua wo ka.’ 30Nso wampene; na ɔde no kɔtoo afiase sɛ ɔnna hɔ nkosi sɛ obetua ne ka he. 31Berɛ a nkoaa a bɛka ne ho he huu deɛ asi he, bɛ werɛ hoo paa, na bɛkɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ bɛ wura he. 32Na ne wura he frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo akoa timuɔdenfoɔ! Mede wo ka a wo de me nyinaa kyɛɛ wo esiane sɛ wosrɛɛ me nti. 33Ɔnsɛ sɛ nka wohu wo yɔnko akoa mmɔbɔ, sɛdeɛ mehuu wo mmɔbɔ he anaa?’ 34#Mat 5:26 Na ne wura he de abufuo de no hyɛɛ ahohiahiafoɔ nsa, kosi sɛ obetua ne ka a ɔde no nyinaa. 35#Mat 6:14-15 Saa ne m’Agya a ɔya soro he so bɛyɔ ho mu bi a wamfiri n’akoma mu amfa ankyɛ ne nua.”

Currently Selected:

Mateo 18: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ