የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 16

16
Bebisaa nsɛnkyerɛnne firii Yesu hɔ
(Marko 8:11-21)
1 # Mat 12:38 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛne sɛ bɛbɛsɔ no ahwɛ. Nti bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɔ nsɛnkyerɛnne bi a ofiri soro nkyerɛ bɛ. 2#Luk 12:54-56 Na obuaa bɛ sɛ, “Sɛ awia ɔkɔtɔ a, hoka sɛ, ‘Wiem bɛte, efiri sɛ anim ayɛ kɔkɔɔ.’ 3#Mat 11:4-5 Na anɔpa, ‘Ahum betu, efiri sɛ anim ayɛ kɔkɔɔ ne kusuu.’ Honim sɛ deɛ bɛkyerɛ wiem tebea ase, nso honnim sɛnea bɛkyerɛ mmerɛ ho nsɛnkyerɛnne ase. 4#Mat 12:39-40 Ho nneemmafoɔ a hoyɛ nnebɔnyɛfoɔ ne adwamammɔfoɔ bisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ a bɛde bɛma ho sɛ Yona nsɛnkyerɛnne.” Na ogyaa bɛ hɔ kɔeɛ.
Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka
5Berɛ a asuafoɔ he duruu asuogya nohoa he, bɛ werɛ firii sɛ bɛamfa paanoo biaa. 6#Luk 12:1 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.” 7Bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Sesɛɛ yɛamfa paanoo yi nti a.” 8#Mat 6:30 Na Yesu huiɛ he, ɔkaa sɛ, “Ho a ho gyidie sua, mmɛ nti ne paanoo a hoammfa ho asɛm ne hooka? 9#Mat 14:17-21 Nti honni nteaseɛ? Honnkae paanoo nnum a mede maa nnipa mpemnum, ne nkɛntɛmma dodoɔ a hosesaeɛ he? 10#Mat 15:34-38 Anaa paanoo nson a nnipa mpemnan diiɛ he, nkɛntɛmma meɛhe ne ho sesaeɛ? 11Mmɛ nti ne ho nteaseɛ sɛ ɔnyɛ paanoo asɛm ne meeka? Honhwɛ yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!” 12Na bɛtee aseɛ sɛ ɔnyɛ mmɔreka paanoo ho ahwɛyie ho asɛm ne ɔɔka na mmom, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ ho ahwɛyie.
Petro kyerɛɛ nipa ko a Yesu yɛ
(Marko 8:27-30; Luka 9:18-21)
13Afei Yesu baa Kaesare Filipi mpɔtamu, na obisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Nkurofoɔ ka sɛ Nipa Ba he ne hwane?” 14#Mat 14:2; 17:10 Na bebuaa sɛ, “Binom dɛ ɔyɛ Yohane Suboni, binom so dɛ ɔyɛ Elia, na binom nso dɛ ɔyɛ Yeremia anaa adiyifoɔ he mu baako.” 15Obisaa bɛ sɛ, “Ho nso hodɛ me ne hwane?” 16#Yoh 6:69 Simon Petro buaa sɛ, “Wone Kristo he, Nyankopɔn teasefoɔ he Ba.” 17#Gal 1:15-16 Na Yesu buaa no sɛ, “Nhyira ne wo, Simon, Yona ba! Ɔnyɛ honam ne mogyaa ne yi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔya soro. 18#Yoh 1:43; Efe 2:20 Na meeka akyerɛ wo, wo ne Petro, na botane yi so ne mesi m’asafo, na Asamando pono ontumi mmu mmfa so da. 19#Mat 18:18 Mɛma wo soro ahennie he safoa, na deɛ wobɛkyekyere no asaase yi so he na bɛakyekyere no soro dada, na deɛ wobɛsane no asaase so he na bɛasane no soro dada.” 20#Mat 17:9 Na ɔhyɛɛ asuafoɔ he ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa sɛ ɔno ne Kristo he.
Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm
(Marko 8:31—9:1; Luka 9:22-27)
21 # Mat 12:40; 20:18; Yoh 2:19 Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre. 22Na Petro de no gyinaa nkyɛne na ofirii aseɛ kaa n’anim sɛ, “Awurade! Yei mpare wo. Yei ntumi nto wo da!” 23Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Firi me so kɔ, Satan! Woyɛ sintidua ma me; efiri sɛ woamfa w’adwene ansi Nyankopɔn so na mmom honam nnwuma so.”
Suaniyɛ ho asodie
24 # Mat 10:38-39 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asennua na onni m’akyi. 25Na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛkora bɛ kra he, obefiri bɛ nsa, na bɛ a me nti bɛbɛhwere bɛ kra he, bɛ nsa bɛka. 26Na sɛ bi nya wiase nyinaa na ohwere ne kra a mmɛ mfasoɔ ne obenya? Anaa mmɛ ne bi bɛma de asesa ne kra? 27#Rom 2:6 “Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ. 28#Mat 10:23 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, binom gyina ha a, bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nipa Ba he firi n’ahennie mu ɔɔba.”

Currently Selected:

Mateo 16: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ